Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 12:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Ɛda no agyaadwotwirɛ bɛso Yerusalem sɛ Hadad-rimon agyaadwotware no, Megido bonhwa mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Ɛda no agyaadwotwirɛ bɛso Yerusalem sɛ Hadad-rimon agyaadwotwirɛ no, Megido bonhwa mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Saa da no agyaadwotwa a ɛwɔ Yerusalem no ano bɛyɛ den te sɛ Hadad-Rimon agyaadwotwa wɔ Megido asasetam so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Saa ɛda no agyaadwo twerɛ a ɛwɔ Yerusalem no ano bɛyɛ den te sɛ Hadad-Rimon agyaadwo twerɛ wɔ Megido asase tam so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Ɛda no, abubuwbɔ bɛso Yerusalem sɛ Hadad-rimon abubuwbɔ no, Megido bon mu,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 12:11
7 Iomraidhean Croise  

Ne berɛ so na Misraimhene Farao Neko tu ba bɛnee Asiriahene koeɛ Eufrate asubɔnten ho. Na Ɔhene Yosia sii mu kɔhyiaa no. Na Yosia bɛtoo no no, Asiria hene kumm no Megido.


Nanso Yosia annane n’ani amfiri ne ho, na mmom ɔsakyeraa ne ho sɛ ɔne no rekɔko, na wantie Neko nsɛm a ɛfiri Nyankopɔn anomu no. Na ɔkɔ kɔkoe Megido bonhwa mu.


Na ne nkoa no yii no firii ne teaseɛnam no mu de no kɔɔ ne teaseɛnam a ɛdi hɔ no mu, na wɔde no baa Yerusalem. Na ɔwui, na wɔsiee no n’agyanom asieeɛ. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa gyamm Yosia.


na asase no bɛtwa agyaadwo, abusua abusua; Dawid fie abusua nko ne wɔn yerenom nko, Natan fie abusua nko ne wɔn yerenom nko,


Ɛno na Onipa ba no nsɛnkyerɛnneɛ bɛda adi wɔ soro, na asase so mmusuakuo nyinaa ho bɛhiahia wɔn kɛse, na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔreba ɔsoro mununkum mu tumi ne animuonyam kɛseɛ mu.


Hwɛ, ɔnam mununkum mu reba, na aniwa nyinaa bɛhu no, ɛne wɔn a wɔwɔɔ no pea no, na asase so mmusua nyinaa bɛbɔ ne ho bena. Saa ara na ɛbɛyɛ. Amen.


Na ɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Armagedon.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan