Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 11:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkumm wɔn na wɔnni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka AWURADE, na manya adeɛ; na wɔn ahwɛfoɔ nso nnodo wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkumm wɔn na wɔnni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka AWURADE, na manya adeɛ; na wɔn ahwɛfoɔ nso nnodo wɔn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Atɔfo no kunkum nguan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nguan no ka se, ‘Monkamfo Awurade, mayɛ ɔdefo!’ Na nguan no ahwɛfo no mpo nnya ahummɔbɔ mma wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Atɔfoɔ no kunkumm nnwan no na wɔntwe wɔn aso. Wɔn a wɔtɔn nnwan no ka sɛ, ‘Monkamfo Awurade, mayɛ ɔdefoɔ!’ Na nnwan no ahwɛfoɔ no mpo nnya ahummɔborɔ mma wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 a wɔn a wɔtɔɔ wɔn no kunkum wɔn na wonni so, na wɔn a wɔtɔn wɔn no ka sɛ: Nhyira nka Awurade, na manya ade, na wɔn ahwɛfo nso nkyɛe wɔn so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 11:5
27 Iomraidhean Croise  

Na adiyifoɔ mma no mu baako yere teaa mu ka kyerɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, na wo ara wonim sɛ na w’akoa suro AWURADE; na ɔkafoɔ aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa.


na mesee wɔn sɛ: Yɛn deɛ, yɛagye yɛn nuanom Yudafoɔ a wɔtontɔnee wɔn maa amanaman no, sɛdeɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, mobɛtontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na na wɔnhunu asɛm a wɔde bɛbua.


Israel yɛɛ kronkron maa AWURADE, ɛyɛ ne nnɔbaeɛ mu aduanekan; wɔn a wɔdiiɛ nyinaa dii fɔ; mmusuo baa wɔn so, AWURADE asɛm nie.


Wɔn a wɔto wɔn nyinaa tete wɔn mu, na wɔn ahohiahiafoɔ ka sɛ: Yɛnni fɔ! ɛsiane sɛ wɔayɛ AWURADE, tenenee tenabea ne wɔn agyanom anidasoɔ AWURADE no bɔne.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne nnwanhwɛfoɔ no anya, na mɛbisa me nnwan no wɔn nsam, na mama wɔagyae nnwanhwɛ adwuma no yɛ, na nnwanhwɛfoɔ no anyɛne wɔn ho bio, na magye me nnwan afiri wɔn anomu, na wɔanyɛ wɔn aduane bio.


Ɛsiane sɛ mode mfemu ne mmatire sunsum na mode mo mmɛn pempem ayarefoɔ nyinaa kɔsi sɛ mopansam wɔn kɔ akyiri nti,


Me nnwan wɔ mmepɔ nyinaa ne nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ntwɛtwɛdɛ, na me man abɔ apete asase nyinaa ani, na obiara nni hɔ a ɔbisa, na obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ wɔn.


Na Efraim ka sɛ: Manya me ho ara, manya adeɛ pii mafa; me brɛ nyinaa mu, wɔannya amumuyɛdeɛ a ɛyɛ bɔne amma me.


Nso mene AWURADE wo Nyankopɔn de firi Misraim asase so; mɛma woatena ntomadan mu bio sɛ afahyɛ nna no mu.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Israel amumuyɛ ntoatoasoɔ nti merennane n’asotwe no, sɛ wɔtɔn ɔteneneeni gye dwetɛ, na mpaboa nti wɔtɔn ohiani.


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, deɛ ɔmfa ɛpono ano nkɔ nnwammuo mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifoɔ ne odwotwafoɔ;


Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.


Na wɔnam anibereɛ so de nnaadaasɛm bɛpɛ mo ho mfasoɔ. Wɔn na ɛfiri tete wɔn atemmuo ntwentwɛn aseɛ, na wɔn sɛeɛ ntɔ nko.


pɛprɛ, mmorɔngo, nnu hwamhwam, kurobo, hwamfufuo, nsa, ngo, esiam muhumuhu, ayuo, nyɛmmoa, nnwan, apɔnkɔ, nteaseɛnam, nnipadua ne nnipa akra.


Ɛfiri sɛ wose: Meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho, na hwee nhia me, na wonnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni ne ohiani ne onifirani ne ɔdagyani.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan