Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 11:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na hwɛ, merema odwanhwɛfoɔ bi so asase no so a deɛ ɛreseɛ no, ɛrenhwɛ, deɛ apansam no, ɔrenhwehwɛ, na deɛ abubuo no, ɔrensa no yadeɛ; deɛ ɛwɔ ahoɔden no nso, ɔrennyegye no, na deɛ adɔ sradeɛ no nam na ɔbɛdie, na wapaepae wɔn ntɔte mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na hwɛ, merema odwanhwɛfoɔ bi so asase no so a deɛ ɛreseɛ no, ɛrenhwɛ, deɛ apansam no, ɔrenhwehwɛ, na deɛ abubuo no, ɔrensa no yadeɛ; deɛ ɛwɔ ahoɔden no nso, ɔrennyegye no, na deɛ adɔ sradeɛ no nam na ɔbɛdie, na wapaepae wɔn ntɔte mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Na merebɛma oguanhwɛfo bi asɔre asase no so a ɔrenhwehwɛ nea wayera, ɔrenhwehwɛ nguantenmma no akyi kwan, ɔrensa nea wapira yare, ɔremma nea ɔwɔ ahoɔden aduan, na mmom, ɔbɛwe nguan a wɔadɔ no nam, na watwitwa wɔn tɔte.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Na merebɛma odwanhwɛfoɔ bi asɔre asase no so a ɔrenhwehwɛ deɛ wayera. Ɔrempɛ nnwammaa akyiri ɛkwan, ɔrensa deɛ wapira yadeɛ, ɔremma deɛ ɔwɔ ahoɔden aduane, na mmom, ɔbɛwe nnwan a wadɔre no nam, na watwitwa wɔn tɔte.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na hwɛ, merema oguanhwɛfo bi so asase no so a nea ɛresɛe no, ɔrenhwɛ, nea apansam no, ɔrenhwehwɛ, na nea abubu no, ɔrensa no yare; nea ɛwɔ ahoɔden no, ɔrennyigye no, na nea adɔ srade no nam na obedi, na wapaepae wɔn ntɔte mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 11:16
16 Iomraidhean Croise  

Mfirinhyia aduonu ni a metenaa wo nkyɛn, wo nnwammereɛ ne wo mmirekyie ampɔn, na wo nnwan mu adwennini nso, manni bi.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me wura nim sɛ mma a wɔyɛ mmerɛ ne nnwan ne anantwie a wɔma nufoɔ ka me ho, na sɛ wɔpia wɔn dodo da koro a, nnwankuo no nyinaa bɛwuwu.


Ɔbɛyɛne ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ, ɔbɛturu nnwammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nnwan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛɛ.


Enti sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn ka wɔ ahwɛfoɔ a wɔhwɛ me man no ho nie: Mo na moabɔ me nnwankuo no apete, na moapansam wɔn, na moanhwɛ wɔn. Hwɛ, mo na merebɛtua mo mo nneyɛɛ mu bɔne no so ka, AWURADE asɛm nie.


Na sɛ wɔgyinaa m’agyina mu a, anka wɔmaa me man tiee me nsɛm, na wɔasane wɔn afiri wɔn kwammɔne so ne wɔn nneyɛɛ bɔne no ho.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne nnwanhwɛfoɔ no anya, na mɛbisa me nnwan no wɔn nsam, na mama wɔagyae nnwanhwɛ adwuma no yɛ, na nnwanhwɛfoɔ no anyɛne wɔn ho bio, na magye me nnwan afiri wɔn anomu, na wɔanyɛ wɔn aduane bio.


Deɛ wayera no, mɛhwehwɛ no, na deɛ wɔapam no no, mɛkɔ akɔfa no aba, na deɛ wabubuo no, mɛkyekyere no, na deɛ ɔyareɛ no, mɛhyɛ no den; na deɛ wadɔre sradeɛ ne deɛ ne ho yɛ den no, mɛhwɛ no so; mɛhwɛ wɔn tenenee mu.


Ɛsiane sɛ mode mfemu ne mmatire sunsum na mode mo mmɛn pempem ayarefoɔ nyinaa kɔsi sɛ mopansam wɔn kɔ akyiri nti,


Na ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so adi onyame biara so akokurokosɛm, na ɔbɛka anwanwasɛm atia anyame mu Nyame no, na ɛbɛsi no yie akɔsi sɛ wɔbɛda abufuo no adi awie; na deɛ wɔahyɛ no pintinn no, wɔbɛyɛ.


Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, deɛ ɔmfa ɛpono ano nkɔ nnwammuo mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifoɔ ne odwotwafoɔ;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan