Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 11:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛyɛ mo ani so a, momfa m’akatua mmra, na sɛ ɛnte saa a, monnyae. Na wɔkarii m’akatua, dwetɛ nnwetɛbena aduasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ ɛyɛ mo ani so a, momfa m’akatua mmra, na sɛ ɛnte saa a, monnyae. Na wɔkarii m’akatua, dwetɛ nnwetɛbena aduasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na meka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ ɛbɛyɛ yiye a muntua me ka, na sɛ ɛnte saa nso a, momma ɛntena hɔ.” Enti, wotuaa dwetɛ mpɔw aduasa maa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ ɛbɛyɛ yie a, montua me ka, na sɛ ɛnte saa nso a, momma ɛntena hɔ.” Enti, wɔtuaa dwetɛ mpɔ aduasa maa me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na meka mekyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ eye mo ani so a, momfa m’akatua mmra, na sɛ ɛnte saa a, munnyae. Na wɔkarii m’akatua, dwetɛ nnwetɛbona aduasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 11:12
16 Iomraidhean Croise  

Na Abraham tiee Efron, na Abraham karii dwetɛ a Efron bɔɔ din maa Het mma teeɛ no maa no, nnwetɛbena ahanan a adwadifoɔ die no.


Na Midianfoɔ adwadifoɔ bi rebɛsene. Na wɔtwetwee Yosef yii no firii abura no mu, na wɔtɔn no maa Ismaelfoɔ no gyee nnwetɛbena aduonu. Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim.


Na Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ: Fa wo bobe turo no ma me, na memfa menyɛ fan turo, ɛfiri sɛ ɛbɛn me fie ho, na mɛma wo bobe turo a ɛyɛ sene no ahyɛ ananmu, anaasɛ wopɛ a, mɛma wo ɛho sika.


Na afei hyɛ na wɔmmu ntweneduro mfiri Lebanon mma me, na me nkoa bɛba abɛka wo nkoa ho, na mede wo nkoa apaadeɛ bɛma wo, sɛdeɛ wobɛka nyinaa; na wo ara wonim sɛ obi nni yɛn mu a ɔnim nnuabuo sɛ Sidonfoɔ.


Na nhyehyɛɛ no sɔɔ ɔhene ne badwa no nyinaa ani.


Sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, ɔmma akoa anaa afena wura dwetɛ, nnwetɛbena aduasa, na wɔnsi nantwie no aboɔ.


Na metɔɔ afuo no m’agya nua ba Hanamel a ɔwɔ Anatot no nkyɛn, na mekarii dwetɛ nnwetɛbena dunson memaa no.


Na sɛ ɔyɛ ɔbaa a, wo boɔ nnyina nnwetɛbena aduasa;


Na mɛbɛn mo mabɛbu atɛn, na mɛyɛ ɔdanseni a ne ho yɛ herɛ matia ntafowayifoɔ ne awaresɛefoɔ ne wɔn a wɔkeka ntanhunu ne wɔn a wɔdi apaafoɔ apaadeɛ, okunafoɔ ne awisiaa amim, na wɔsisi ɔhɔhoɔ na wɔnsuro me no, asafo AWURADE na ɔseɛ.


sɛ: Ɛdeɛn na mobɛma me na mayi no ahyɛ mo nsa? Na wɔkarii nnwetɛbena aduasa de maa no.


de kɔtɔɔ ɔnwomfoɔ asase, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me no.


Ɛnna deɛ Odiyifoɔ Yeremia kaeɛ no baa mu sɛ: Na megyee nnwetɛbena aduasa a ɛyɛ deɛ wɔbɔɔ ne boɔ, tɔɔ no firii Israel mma nsam no tiri adeɛ no


Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akoma mu sɛ ɔnkɔyi no mma.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan