Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 11:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na wɔtuee no da no ara, na ekuo no mu nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ a wɔhwɛɛ me no hunuu sɛ AWURADE asɛm ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na wɔtuee no da no ara, na ekuo no mu nnwan a wɔyɛ mmɔborɔ a wɔhwɛɛ me no hunuu sɛ AWURADE asɛm ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔsɛee no da no ara, na wɔn a wɔrehu amane wɔ nguankuw no mu a na wɔrehwɛ me no hui se, ɛyɛ Awurade asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Wɔsɛee no ɛda no ara, na wɔn a wɔrehunu amane wɔ nnwankuo no mu a na wɔrehwɛ me no hunuu sɛ, ɛyɛ Awurade asɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na wotuei da no ara, na kuw no mu nguan a wɔyɛ mmɔbɔ a wɔhwɛɛ me no hui sɛ Awurade asɛm ne no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 11:11
27 Iomraidhean Croise  

ɛsono deɛ ɛfiri adwadifoɔ hɔ, ne deɛ abatafoɔ de ba. Na Arabia ahemfo nyinaa ne asase no so amradofoɔ no nso de sika ne dwetɛ brɛɛ Salomo.


Na AWURADE tie ahiafoɔ, na ɔnto ne nkurɔfoɔ nneduafoɔ ho mpe.


Na asɛm bɛn na wɔde bɛbua ɔman no abɔfoɔ? Sɛ AWURADE de Sion atim, na ne man mu amanehunufoɔ de wɔn ho to ne so.


na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no deɛ, wɔbɛnya ahoɔden foforɔ, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔdeɛ, wɔbɛtu mmirika, na wɔmmrɛ, wɔbɛnante, na wɔnntɔ piti.


Na mɛtwɛn AWURADE a ɔyi n’ani hunta Yakob fie no, na m’ani da ne so.


Ɛnna m’agya nua ba Hanamel baa me nkyɛn awɛmfoɔ abannwa no mu, sɛdeɛ AWURADE asɛm no kaeɛ no, bɛka kyerɛɛ me sɛ: Tɔ m’afuo a ɛwɔ Anatot, Benyamin asase soɔ no, na wo na adeɛ no die ne ne gyeɛ wɔ woɔ. Tɔ fa! Ɛnna mehunuu sɛ ɛyɛ AWURADE asɛm.


Na me deɛ, AWURADE na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagyeɛ Nyankopɔn no. Me Nyankopɔn bɛtie me.


Na mɛma amanehunufoɔ ne mmɔborɔfoɔ aka wo mu, na wɔde wɔn ho ato AWURADE din no so.


Na wɔanhunu deɛ wɔbɛyɛ; ɛfiri sɛ ɔman no nyinaa de wɔn ho bataa ne ho tiee no.


Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi tene, ɔsuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekyerɛ no, na Honhom Kronkron wɔ ne so.


Na dɔn no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgyeɛ a wɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.


no deɛ, wampene wɔn agyina ne wɔn nneyɛɛ no so. Ɔfiri Yudafoɔ kuro Arimatea mu, na ɔno ara nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no.


Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monkɔ nkɔka deɛ moahunu ne deɛ moateɛ nkyerɛ Yohane sɛ: Anifirafoɔ hunu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho fi, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na wɔreka asɛmpa akyerɛ ahiafoɔ;


Na sɛ bɔne pii ne ahohiahia ahodoɔ bɛto wɔn a, dwom yi bɛyɛ danseni adi adanseɛ wɔ wɔn anim, ɛfiri sɛ ɛrempa wɔn asefoɔ anomu. Na menim wɔn adwene a wɔredwene nnɛ mpo, ansa na mede wɔn maduru asase a mekaa ho ntam no so.


Na menim sɛ me wuo akyiri no, sɛeɛ na mobɛsɛeɛ, na moamane afiri ɔkwan a mahyɛ mo no so, na bɔne abɛto mo daakye, ɛfiri sɛ mobɛyɛ AWURADE anim bɔne, na mode mo nsa ano adwuma bɛhyɛ no abufuo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan