Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 10:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na mɛdua wɔn aman no mu, na wɔbɛkae me akyirikyiri nsase so, na wɔne wɔn mma bɛnya nkwa na wɔasane aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na mɛdua wɔn aman no mu, na wɔbɛkae me akyirikyiri nsase so, na wɔne wɔn mma bɛnya nkwa na wɔasane aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛwɔ mu, mɛhwete wɔn mu akɔ aman so, nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so. Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu, na wɔbɛsan aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛwom sɛ mɛhwete wɔn mu akɔ aman so, nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so. Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu, na wɔbɛsane aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na medua wɔn aman no mu, na wɔbɛkae me akyirikyiri nsaase so, na wɔne wɔn mma benya nkwa na wɔasan aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 10:9
24 Iomraidhean Croise  

Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na mohwɛ me mmara nsɛm di so a, ɛnneɛ sɛ wɔpamo mo kɔ ɔsoro ano nohoa a, ɛhɔ ara na mɛfiri maboaboa mo ano mede mo aba faako a mayi sɛ mɛma me din atena hɔ no.


Na asase biara ne kuro biara a ɔhene asɛm ne ne mmara no duruu soɔ no, anigyeɛ ne ahosɛpɛ baa hɔ maa Yudafoɔ no, apontoɔ ne dapadie mu. Na asase no so amanaman no mu nnipa bebree danedanee wɔn ho Yudafoɔ, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no ho hu aka wɔn.


Kae yeinom, Yakob ne Israel, na m’akoa ne wo; me na menwonoo woɔ, woyɛ m’akoa, O Israel. Me werɛ remfiri wo.


Na ɛfiri tete nteredee wɔntee, ɛnkɔɔ obi aso mu, ani nso nhunuu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔdi ma deɛ n’ani da ne soɔ, gye wo nko.


Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma mma mpatuwuo, ɛfiri sɛ wɔyɛ wɔn a AWURADE ahyira wɔn no asefoɔ, wɔne wɔn mma.


Na mɛyi asefoɔ afiri Yakob mu, ne me bepɔ sodifoɔ afiri Yuda mu, na wɔn a mayi wɔn no bɛdi so, na me nkoa atena hɔ.


Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie, sɛ mɛdua Israel fie ne Yuda fie mama nnipa ase ne mmoa ase akyene.


Mo a moafiri mu afiri afena ano no, monnante nkɔ, monnnyina! Momfiri akyirikyiri nkae AWURADE, Yerusalem nso mmra mo akoma mu.


Na mo mu nnipa a wɔbɛfiri mu afire no, bɛkae me, amanaman a wɔafa wɔn nnommum kɔ hɔ no mu, sɛ mabubu wɔn adwamammɔ akoma a atwe afiri me ho, ne wɔn ani a ɛdi wɔn abosom akyiri adwamammɔ mu no; na wɔn ara wɔn ho bɛyɛ wɔn nwunu, nnebɔne a wɔayɛ, wɔn akyiwadeɛ nyinaa mu no ho.


Na mɛdua no mafa, asase so, na mɛhunu deɛ wɔnhunuu no mmɔborɔ no mmɔbɔ, na mɛka makyerɛ deɛ ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo! Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!


Na hwɛ, mɛhyɛ na masɔne Israel fie so amanaman nyinaa mu, sɛdeɛ wɔsɔne adeɛ soɔ sɔneeɛ mu, nanso ayufua rentɔ fam.


Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ aman bebree mu sɛ obosuo a ɛfiri AWURADE nkyɛn, sɛ nhahamma so ahasuo a ɛnhwɛ ɔbarima bi kwan na ɛntwɛn nnipa mma.


Na Saulo nso, penee ne kum no so. Na da no ara ɔtaa kɛseɛ baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so, na wɔn nyinaa hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so, gye asomafoɔ no nko.


Ɛnna wɔn a wɔhweteeɛ no kyinkyini kɔkaa asɛmpa no.


Na sɛ wɔatwa wo afiri dua a ne tebea yɛ wuram ngo dua no, na sɛ wɔakwati wo bɔbea no de wo abɛhyɛ ngo dua pa no mu a, mprɛ ahe ara na wɔremfa yeinom a ɛyɛ dua no mman pa no mmɛhyɛ wɔn ankasa ngo dua no mu?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan