Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 10:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Mɛbɔ hwerɛma mafrɛ wɔn na maboa wɔn ano; na magye wɔn, na wɔbɛdɔ sɛdeɛ wɔdɔreeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Mɛbɔ hwerɛma mafrɛ wɔn na maboa wɔn ano; na magye wɔn, na wɔbɛdɔ sɛdeɛ wɔdɔreeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Mɛto nsa afrɛ wɔn aboaboa wɔn ano. Ampa ara megye wɔn bio; wɔbɛdɔɔso sɛ kan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Meto nsa afrɛ wɔn aboaboa wɔn ano. Ampa ara megye wɔn bio; wɔbɛdɔɔso sɛ kane no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Mɛbɔ hwirema mafrɛ wɔn na maboa wɔn ano; na magye wɔn, na wɔbɛdɔ pii sɛ kan no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 10:8
25 Iomraidhean Croise  

Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano anwea dodoɔ, wɔdidi na wɔnom, na wɔn ani gye.


Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔree bebree, na wɔn ase kyenee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma.


Mapepa wo mmarato sɛ mununkum, ne wo bɔne sɛ suwisie. Sane bra me nkyɛn, na magye wo.


Momfiri Babel, momfa ahurisidie nne nnwane mfiri Kaldeafoɔ mu. Monka, momma wɔnte yei, momma no mfiri nkɔduru asase ano. Monka sɛ: AWURADE agye n’akoa Yakob.


Na ɔbɛsi frankaa ama amanaman a ɛwɔ akyirikyirie, na wabɔ hwerɛma afrɛ ɔman bi afiri asase ano, na hwɛ, wɔreba ɛherɛ so, ntɛm so.


Na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsane, na wɔde ahurisie aba Sion, na daa anigyeɛ bɛtena wɔn atifi; ahosɛpɛ ne anigyeɛ bɛka wɔn nsa, na awerɛhoɔ ne apinisie adwane.


Na ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛbɔ hwerɛma afrɛ anwansena a ɔwɔ Misraim asuasu awieeɛ no, ne wowa a ɔwɔ Asiria asase soɔ no,


na wɔn nyinaa aba abɛsisi mmonhwa a ɛsiane kuronkuron, ne abotan mpaepaeɛ mu, ne nkasɛɛ ne ɛserɛ nyinaa so.


Sɛdeɛ wɔntumi nkan ɔsoro asafo na wɔntumi nsusu mpoano anwea no, saa ara na mɛma m’akoa Dawid asefoɔ ne Lewifoɔ a wɔyɛ m’asomfoɔ no adɔre.


Nanso Israel mma dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔnsusuo na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn teasefoɔ mma.


Boa na mɛboa mo nyinaa ano, Yakob, nhyia na mɛhyia Israel nkaeɛ. Mɛka wɔn mabom sɛ nnwan wɔ nnwammuo mu, sɛ mmoakuo wɔn didibea so; nnipa dodoɔ a wɔyɛ hoo.


Wo nso, w’apam mogya no nti mɛyi wo nneduafoɔ afiri amena a nsuo nni mu mu.


Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnesoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ahome.


Na honhom no ne ayeforɔ no se: Bra! Na deɛ ɔtie no nka sɛ: Bra! Na deɛ sukɔm de no mmra, na deɛ ɔpɛ no mmɛgye nkwa nsuo no kwa.


Yeinom akyiri no mehunui, na hwɛ, nnipakuo kɛseɛ a obi ntumi nkane wɔn, a wɔfiri aman, ne mmusuakuo, ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu no gyinagyina ahennwa no ne adwammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wɔkurakura berɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan