Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 10:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima, na nsa nti wɔn akoma bɛtɔ wɔn yam, na wɔn mma nso bɛhunu na wɔn ani agye, na wɔn akoma adi AWURADE mu ahurisie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima, na nsa nti wɔn akoma bɛtɔ wɔn yam, na wɔn mma nso bɛhunu na wɔn ani agye, na wɔn akoma adi AWURADE mu ahurisie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Efraimfo bɛyɛ sɛ dɔmmarima, wɔn ani begye te sɛ nea wɔanom nsa. Wɔn mma behu na wɔn ani begye; wobedi ahurusi wɔ wɔn koma mu wɔ Awurade mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Efraimfoɔ bɛyɛ sɛ nnɔmmarima, wɔn ani bɛgye te sɛ deɛ wɔanom nsã. Wɔn mma bɛhunu na wɔn ani bɛgye; wɔbɛdi ahurisi wɔ wɔn akoma mu wɔ Awurade mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima, na nsa nti wɔn koma bɛtɔ wɔn yam, na wɔn mma nso behu na wɔn ani agye, na wɔn koma adi Awurade mu ahurusi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 10:7
31 Iomraidhean Croise  

Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fiefoɔ a ɛbɛdi n’akyire sɛ wɔnni AWURADE kwan so nyɛ tenenee ne atɛntenenee adeɛ, na AWURADE ama deɛ waka no Abraham ho no aba ne so.


Na wɔgyegyee aduane no firii n’anim brɛɛ wɔn, na Benyamin deɛ boroo wɔn nyinaa deɛ so mprenum. Na wɔnonnomee, na wɔne no ani gyee.


Wo nkoa mma bɛtena ase, na wɔn asefoɔ atim w’anim.


Na nsa ama ɔdasani akoma atɔ ne yam, na wama ngo ayɛ onipa anim dɛhyɛdɛhyɛ, na aduane awowa ɔdasani akoma.


Na me deɛ, m’ani da w’adɔeɛ so, m’akoma bɛdi wo nkwagyeɛ mu ahurisie,


AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm. Mede m’akoma mato ne so, na waboa me, enti m’akoma ho asane no, na mede me dwom meda no ase.


Na ne mu na yɛn akoma bɛtɔ yɛn yam, ɛfiri sɛ yɛde yɛn ho ato ne din kronkron so.


Ma w’adwuma nna adi mma wo nkoa, na w’animuonyam nna adi, wɔn mma so.


Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani ada ne so sɛ ɔbɛgye yɛn no nie; AWURADE a yɛn ani daa ne soɔ no nie. Momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye ne nkwagyeɛ no mu.


ɔteasefoɔ, ɔteasefoɔ, na ɔda wo aseɛ, sɛdeɛ meyɛ nnɛ yi; agya ma ne mma nhunu wo nokorɛ.


Na wo mma nyinaa bɛyɛ AWURADE asuafoɔ, na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.


Na mobɛhunu na mo akoma ho asɛpɛ no, na mo nnompe ayɛ hurohuro sɛ wira frɔmfrɔm; na wɔbɛhunu AWURADE nsa, ne nkoa so, ne abufuo a emu yɛ den, n’atamfo so.


Na mɛma wɔn akoma korɔ ne ɔkwan korɔ, na wɔasuro me daa nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma a wɔbɛdi wɔn akyire no yie.


na wɔatena asase a mede memaa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa soɔ no so, wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma akɔsi daa, na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn ɔberempɔn akɔsi daa.


Na mo, Sion mma, monni ahurisie na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn ho, na ɔma mo asuso sɛdeɛ ɛfata, na ɔma osuo tɔ ma mo, asuso ne bereamporɔsuo, kane ansa.


me deɛ AWURADE mu na mɛdi ahurisie, na me ho bɛsɛpɛ me wɔ nkwagyeɛ Nyankopɔn mu.


To ahurisie dwom, Sion babaa; bɔ ose, Israel, ma w’ani nnye, na fa akoma nyinaa di ahurisie, Yerusalem babaa.


Ɛda no, AWURADE bɛwowa Yerusalemfoɔ, na wɔn mu deɛ ɔyɛ mmerɛ no, ɛda no ɔbɛyɛ sɛ Dawid, na Dawid fie bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ AWURADE bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim.


Asafo AWURADE bɛwa wɔn ani, na wɔadidi, na wɔatiatia ntɔmmoɔ mu aboɔ so, na wɔanom, na nsa nti wɔayɛ hoo, na wɔayeyɛ amaama sɛ koraa, sɛ afɔrebukyia ntweaso.


Na ne yie ne sɛn, na n’ahoɔfɛ ne sɛn? Aduane bɛma mmeranteɛ ayɛ tokotokoo na nsamono nso ama mmabaa ayɛ saa ara.


na m’agyenkwa Nyankopɔn ho na me honhom ho asane no;


Na mo nso, seesei deɛ, mowɔ awerɛhoɔ; na mɛhu mo bio, na mo akoma bɛtɔ mo yam, na mo anigyeɛ no, obi rennye mo nsam;


sɛ Onyankopɔn ama no aba mu koraa ama yɛn a yɛyɛ wɔn mma, na wanyane Yesu, sɛdeɛ wɔatwerɛ no Dwom a ɛtɔ so mmienu no mu sɛ: Wone me ba, ɛnnɛ na mawo woɔ.


Yei nti m’akoma tɔɔ me yam, na me tɛkyerɛma ho sanee no; na me honam nso bɛda anidasoɔ mu,


Na bɔhyɛ no yɛ mo ne mo mma ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri, a Awurade yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba nyinaa dea.


Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!


Ɔno na monhunuu no, nanso modɔ no. Ɔno na monhunuu no seesei deɛ, nanso mogye no die, na mo ho siane mo anigyeɛ a ɛnni kabea a animuonyam wɔ mu mu,


Hana nso bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’akoma di AWURADE mu ahurisie, AWURADE mu na wɔama m’abɛn soɔ; M’anomu atrɛ m’atamfoɔ so, ɛfiri sɛ m’ani gye wo nkwagyeɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan