Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 10:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Nnwanhwɛfoɔ no na me bo afu wɔn, na saa mpapo no na mɛba abɛtwe wɔn aso. Na asafo AWURADE rebɛhwɛ ne nnwankuo, Yuda fie, na ɔde wɔn bɛyɛ sɛ n’animuonyam pɔnkɔ ɔsa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Nnwanhwɛfoɔ no na me bo afu wɔn, na saa mpapo no na mɛba abɛtwe wɔn aso. Na asafo AWURADE rebɛhwɛ ne nnwankuo, Yuda fie, na ɔde wɔn bɛyɛ sɛ n’animuonyam pɔnkɔ ɔsa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 “Me bo afuw nguanhwɛfo no yiye, na mɛtwe ntuanofo no aso. Na Asafo Awurade bɛhwɛ ne nguankuw a wɔyɛ Yudafi no, na wayɛ wɔn sɛ anuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 “Mebo afu nnwanhwɛfoɔ no yie, na mɛtwe ntuanofoɔ no aso. Na Asafo Awurade bɛhwɛ ne nnwankuo a wɔyɛ Yuda fie no, na wayɛ wɔn sɛ animuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Nguanhwɛfo no na me bo afuw wɔn, na saa mpapo no na mɛba mabɛtwe wɔn aso; na asafo Awurade rebɛhwɛ ne nguankuw, Yuda fi, na ɔde wɔn bɛyɛ sɛ n’anuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 10:3
28 Iomraidhean Croise  

Totorobɛnto hyɛne a, ɔka sɛ: Wiɛɛ! Na ɔte ɔko hwa wɔ akyirikyiri, asafohene nteam ne osebɔ no.


Na ɔman no gye dii. Na wɔtee sɛ AWURADE abɛhwɛ Israelfoɔ na wahunu wɔn amanehunu no, wɔbɔɔ wɔn mu ase sɔree.


Wɔsiesie ɔpɔnkɔ ma ko da, na nkonimdie deɛ, ɛwɔ AWURADE nsam.


Me pɔnkɔbere mfrafraeɛ a ɔwɔ Farao teaseɛnam ho no ho na mede wo metoɔ, me dɔfoɔ.


Na ɛbɛba sɛ, sɛ AWURADE nya yɛ n’adeɛ a ɔbɛyɛ Sion bepɔ so ne Yerusalem wie a, mɛba mabɛtua Asiriahene akomapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka.


Ɛbɛba sɛ ɛda no, AWURADE bɛtwe soro dɔm aso wɔ ɔsoro, ne fam ahemfo wɔ ɛfam.


Na ahwɛfoɔ no adane agyimifoɔ, na wɔmmisa AWURADE akyiri kwan; ɛno nti wɔanni yie, na wɔn mmoakuo no nyinaa abɔ apete.


ɛno nti sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Hwɛ, merebɛtwe wɔn aso: Mmeranteɛ bɛtotɔ afena ano, na ɛkɔm akunkum wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa,


Na ɛbɛba sɛ, sɛ mfirinhyia aduɔson wie duru a, mɛba mabɛtua Babel hene ne ɔman no, Kaldeafoɔ asase no amumuyɛ so ka, na madane no daa amamfo, AWURADE na ɔseɛ.


Mommɔ abubuo, nnwanhwɛfoɔ, na monsu, na mommunimuni wɔ nso mu, mo nnwankuo mu akunini, na mo kum ne mo hweteɛ nna adu; na mobɛwuwu sɛ nnwanini a wɔn ho yɛ akɔnnɔ;


Me man adane nnwan a wɔayera, wɔn ahwɛfoɔ ama wɔafomfom kwan adanedane kɔ mmepɔ so; wɔafiri bepɔ so kɔ kokoɔ so, wɔn werɛ afiri wɔn daberɛ.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ara mɛhwehwɛ me nnwan, na mahwehwɛ wɔn akyiri kwan.


Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwehwɛ ne nnwankuo akyiri kwan da a ɔwɔ ne nnwan a wɔabɔ apete no mu no, saa ara na mɛhwehwɛ me nnwan akyiri kwan, na mɛyi wɔn afiri deɛ wɔapansam wɔn korɔ nyinaa, mununkum ne sum kabii da no.


Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel nnwanhwɛfoɔ, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn, nnwanhwɛfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Monnue, Israel nnwanhwɛfoɔ a wɔyɛne wɔn ho no; ɛnyɛ nnwan na nnwanhwɛfoɔ yɛne wɔn?


Na wɔn a wɔbɔ apam no ho mmusuo no, ɔde tɛkyerɛmakyene bɛsɛe wɔn ara; nanso wɔn a wɔnim wɔn Nyankopɔn no bɛhyɛ wɔn ho den, na wɔayɛ adeɛ.


Na AWURADE kum afɔdeɛ da no, mɛtwe mmapɔmma ne ahenemma no ne wɔn a wɔhyɛ ananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso.


na ayɛ Yuda fie nkaeɛ asase a wɔyɛne so mmoa, Askelon afie mu na wɔbɛbutubutu anwummerɛ, na AWURADE wɔn Nyankopɔn bɛhwɛ wɔn, na ɔde wɔn nnommumfa asane aba.


Odwanhwɛfoɔ hunu a ɔgya nnwankuo no nnue! Afena bɛba ne basa ne n’ani nifa so; ne basa bɛwu, na n’ani nifa afira.


Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;


na mommɔ bra pa amanaman mu, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfoɔ no, wɔhwɛ mo nneyɛɛ pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam, “nsra da” no.


Ɛnna ɔsɔreeɛ, ɔne ne nsenom baanu no, sɛ ɔresane afiri Moab asase so aba, ɛfiri sɛ ɔtee no wɔ Moab asase so sɛ AWURADE abɛhwɛ ne man na wama wɔn aduane.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan