Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 10:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Mommisa AWURADE hɔ osuo bereamporɔberɛ mu! AWURADE ma asraman paepae, na ɔbɛma osuo atɔ pii ama wɔn, na wɔn nyinaa anyinya mfuo mu nnuane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Mommisa AWURADE hɔ osuo bereamporɔberɛ mu! AWURADE ma asraman paepae, na ɔbɛma osuo atɔ pii ama wɔn, na wɔn nyinaa anyinya mfuo mu nnuane.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Mummisa Awurade hɔ nsu asusowbere mu; ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osu ne mu ahum. Ɔma osu tɔ ma nnipa nyinaa, ne nnɔbae nso ma obiara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Mommisa Awurade hɔ nsuo osutɔberɛ mu; ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osutɔ mframa. Ɔma osuo tɔ ma nnipa nyinaa, ne mfudeɛ nso ma obiara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Mummisa Awurade hɔ osu wɔ adommere mu! Mfi Awurade a ɔma ahum omununkum no nkyɛn, na ɔbɛma osu atɔ pii ama mo, na nnɔbae aba ama nnipa nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 10:1
31 Iomraidhean Croise  

Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!


Na wɔtwɛn me sɛdeɛ wɔtwɛn osutorɔ, na wɔtrɛ wɔn anomu sɛdeɛ wɔde regye bereamporɔsuo.


Ɔfiri ne soro mpia mu gu mmepɔ so nsuo, wo nnwuma so aba mee asase.


Ɔma amununkum firi asase ano ba, ɔyɛ anyinam ma osutorɔ, ɔyi mframa firi ne korabea.


Woabɛhwɛ asase agugu so nsuo, woama ɛso aduane abu so bebree. Nyankopɔn asubɔnten no, nsuo ayɛ mu ma, womaa wɔn aburoo gyinae, womaa no sii so sɛdeɛ ɛsɛ.


Ɔbɛba sɛ osuo a ɛtɔ gu ɛserɛ a wɔahu soɔ so, sɛ osu kɛseɛ a ɛtɔ dwodwo asase mu.


Ɔhene animteɛ mu na nkwa wɔ, na n’anisɔ te sɛ bereamporɔberɛ mu mununkum.


Na ɔbɛma osuo atɔ agu mo aba a moagu no fam ne asase nnɔbaeɛ aduane so, na ayɛ aduane pa sɔɔsɔɔ; mo mmoakuo bɛdidi da no, adidibea a ɛtrɛ so;


Na mɛhwie nsuo agu asase a sukɔm de no no so, na nsuwansuwa agu asase pɛsɛɛ so; mɛhwie me honhom agu w’asefoɔ so, na me nhyira agu wo mma so.


mɛma no atɔ mpan, wɔrentwitwa ho, na wɔrennɔ mu, na afu nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse ara nko, na mɛhyɛ osuo sɛ ɛnntɔ nngu so.


Ɔma ne nne so a, nsuo pii ba ɔsoro, na ɔma suwisie tu firi asase ano nohoa. Ɔyɛ anyinam ka osuo ho, ɔtu mframa firi n’adekorabea.


Amanaman ahoni no mu bi wɔ hɔ a wɔma osuo torɔ? Anaasɛ ɔsoro bɛtumi ama asuso atue? Ɛnyɛ wo, AWURADE yɛn Nyankopɔn? Wo na yɛhwɛ wo kwan, ɛfiri sɛ wo ara na woayɛ yeinom nyinaa.


na wɔnka no wɔn akoma mu sɛ: Momma yɛnsuro AWURADE yɛn Nyankopɔn, na ɔno na ɔma osuo tɔ wɔ ne berɛ mu, asusɔ ne bereamporɔsuo, ɔhwɛ twaberɛ nnapɛn a wahyɛ no so ma yɛn.


Aprannaa bom a, ɔma nsu dodoɔ ba ɔsoro, na ɔma nsuwisie tu firi asase ano nohoa; ɔyɛ anyinam ka osuo ho, ɔtu mframa firi n’adekorabea hɔnom.


Na mɛma wɔn ne nsase a ɛdeda me kokoɔ ho hyia no ayɛ nhyira, na mɛma osuo atɔ ne berɛ mu; ɛbɛyɛ nhyira nsuo.


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei bio na Israel fie bɛbisa no me hɔ, na mɛyɛ mama wɔn. Mɛma wɔadɔɔso ayɛ nnipa pii, sɛ Yerusalem nnwankuo.


Mongu aba mma tenenee mfifiri mma mo, montwa adɔeɛ so adeɛ. Monnɔ kwaeɛbirentuo mfa, na aduru berɛ a wɔde hwehwɛ AWURADE akyiri kwan, kɔsi sɛ ɔbɛba abɛtɔ tenenee suo ama mo.


Na momma yɛnhunu na yɛnti AWURADE nimdeɛ no. Wɔasiesie n’adifire sɛ adekyeeɛ, na ɔbɛba ama yɛn sɛ osutorɔ, sɛ bereamporɔsuo a ɛtɔ gu asase soɔ.


Na me nso mekamee mo osutorɔ abosome mmiɛnsa a ɛdi otwa anim no mu, na metɔɔ osuo guu kuro baako so, na mantɔ bi angu kuro baako so. Afuo baako nyaa osuo, na afuo a ebi antɔ angu soɔ no hyee.


Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ aman bebree mu sɛ obosuo a ɛfiri AWURADE nkyɛn, sɛ nhahamma so ahasuo a ɛnhwɛ ɔbarima bi kwan na ɛntwɛn nnipa mma.


na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.


Me deɛ, meduae, Apolo guguu so nsuo, nanso Onyankopɔn na ɔmaa no nyiniiɛ.


Na ɔsoro bɛyɛ sɛ kɔbere mfrafraeɛ ama wo, na asase ayɛ sɛ dadeɛ ama wo.


Enti, anuanom, monya abodwokyɛre nkɔduru da a Awurade bɛba. Hwɛ, okuafoɔ a ɔretwɛn asase aba a ne boɔ yɛ den no to ne bo ase kyɛre wɔ ho, de kɔsi sɛ ɛnya feefee ne asusɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan