Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 1:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monsane mmra me nkyɛn, na mɛsane maba mo nkyɛn, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monsane mmra me nkyɛn, na mɛsane maba mo nkyɛn, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti ka kyerɛ nkurɔfo no se: Sɛɛ na Asafo Awurade se: ‘Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan aba mo nkyɛn,’ nea Asafo Awurade se ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti, ka kyerɛ nkurɔfoɔ no sɛ: Sei na Asafo Awurade seɛ: ‘Monsane mmra me nkyɛn, na mɛsane aba mo nkyɛn,’ deɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ asafo Awurade se ni: Monsan mmra me nkyɛn, na mɛsan maba mo nkyɛn, asafo Awurade na ose.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 1:3
33 Iomraidhean Croise  

na ɔfiri adi kɔhyiaa Asa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Asa ne Yudafoɔ ne Benyaminfoɔ nyinaa, montie me. AWURADE ne mo te, sɛdeɛ mo ne no teɛ yi. Na sɛ mohwehwɛ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mogya no a, ɔbɛgya mo.


Na wɔn ahohiahia mu no, wɔsane baa AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn bɛhwehwɛɛ no no, ɔmaa wɔhunuu no.


Na wɔnyaa asomdwoeɛ pɛ no, wɔsane kɔyɛɛ w’anim bɔne; na wogyaa wɔn mu de wɔn hyɛɛ wɔn atamfoɔ nsa, na wɔdii wɔn so. Ɛnna wɔsane su frɛɛ woɔ; na wo nso wofiri soro tiee wɔn, na woyii wɔn sɛdeɛ wo mmɔborɔhunu bebree no teɛ, berɛ ahodoɔ no mu.


Sɛ wosane kɔ Otumfoɔ nkyɛn a, wɔde wo bɛsi hɔ, sɛ woyi wo ntomadan mu abusudeɛ kɔ akyirikyiri a, —


Monsane mmra deɛ moayɛ no dɔm kɛseɛ no nkyɛn, O Israelfoɔ.


Mapepa wo mmarato sɛ mununkum, ne wo bɔne sɛ suwisie. Sane bra me nkyɛn, na magye wo.


Na ɛbɛba sɛ matu wɔn no akyiri no, mɛsane mahu wɔn mmɔbɔ, na mede wɔn nyinaa asane aba wɔn agyapadeɛ mu ne wɔn asase so mmaako mmaako.


Wɔse: Monsane mfiri mo akwammɔne so ne mo nneyɛɛ bɔne mu, na moatena asase a AWURADE de ama mo ne mo agyanom no so afiri daapem akɔsi daapem.


AWURADE se: Sɛ ɔbarima bi gyae ne yere, na ɔfiri ne nkyɛn kɔyɛ ɔbarima foforɔ bi deɛ a, ɔbarima no bɛsane akɔ ne nkyɛn bio anaa? Anka ɛnyɛ efi na ɛbɛka asase no anaa? Na wo deɛ, wo ne adɔfoɔ bebree abɔ adwaman deɛ, nanso wobɛsane aba me nkyɛn anaa? AWURADE asɛm nie.


Monsane mo akyi, mma akyirisanfoɔ, mɛyɛ mo akyirisan no aduro. Hwɛ, yɛn nie, yɛreba wo nkyɛn, na wone AWURADE yɛn Nyankopɔn.


Na masoma me nkoa, adiyifoɔ no, nyinaa aba mo nkyɛn, metua nhema mesoma wɔn sɛ: Monsane ɛ, mo nyinaa mfiri mo akwammɔne so, na monyɛ mo nneyɛɛ yie, na monnni anyame foforɔ akyi nnsom wɔn, na montena asase a mede memaa mo ne mo agyanom no so. Na moammrɛ mo aso ase, na moantie me.


O Israel, sɛ wosane w’akyiri a, AWURADE asɛm nie, me nkyɛn na sane bra. Na sɛ woyi w’akyiwadeɛ firi m’anim a, worenhinhim,


Na moka sɛ: Adɛn nti na ɔba nsoa n’agya amumuyɛ bie? Na sɛ ɔba no ayɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ adi m’ahyɛdeɛ nyinaa so ayɛ a, nkwa na ɔbɛnya.


Montoto mo mmaratodeɛ a mode too mmara no nyinaa mfiri mo so ngu, na monyɛ akoma foforɔ ne honhom foforɔ mfa. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ mowuo yi, Israel fie?


Na menni deɛ ɔrewuo no wuo ho anigyeɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. Enti monsane, na mommɛnya nkwa.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔbɔnefoɔ wuo nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsane afiri ne kwan soɔ na wanya nkwa! Monsane, monsane mfiri mo akwammɔne so! Adɛn nti na morewuwuo yi, Israel fie?


Israel, sane bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumuyɛ nti woahwe ase.


Mɛsa wɔn akyirisan mu yadeɛ, mɛyi me yam madɔ wɔn, na m’abufuo adane afiri ne so.


Mommra mma yɛnsane nkɔ AWURADE nkyɛn, na ɔno na watete yɛn mu na ɔbɛsa yɛn yadeɛ, ɔno na wabobɔ yɛn na ɔbɛkyekyere yɛn.


Na afei nso, AWURADE na ɔseɛ, monsane mmra me nkyɛn mo akoma nyinaa ne abuadadie ne esu ne adwotwa mu.


Ɛfiri mo agyanom berɛ so na mosane firii m’ahyɛdeɛ ho na moanni soɔ. Monsane mmra me nkyɛn! na mɛsane maba mo nkyɛn, asafo AWURADE na ɔseɛ. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn mu na yɛnsane?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan