Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 1:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na mebisaa sɛ: Ɛdeɛn na yeinom bɛyɛeɛ? Na ɔse: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda peteeɛ na obi amma ne tiri soɔ no, na atomfoɔ baanan no baa wɔn ehuyie, sɛ wɔbɛtutu amanaman a wɔmaa abɛn so tiaa Yuda asase de bɔɔ wɔn peteeɛ no mmɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

21 Na mebisaa sɛ: Ɛdeɛn na yeinom bɛyɛeɛ? Na ɔse: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda peteeɛ na obi amma ne tiri soɔ no, na atomfoɔ baanan no baa wɔn ehuyie, sɛ wɔbɛtutu amanaman a wɔmaa abɛn so tiaa Yuda asase de bɔɔ wɔn peteeɛ no mmɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Mibisae se, “Dɛn na eyinom rebɛyɛ?” Obuae se, “Mmɛn anan no bɔɔ Yuda petee a obiara antumi amma ne ti so, nanso adwumfo yi aba sɛ wɔrebehunahuna wɔn, na watutu aman no mmɛn a wɔmemaa so tiaa Yudaman na wɔbɔɔ nnipa no petee no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Mebisaa sɛ, “Ɛdeɛn na yeinom rebɛyɛ?” Ɔbuaa sɛ, “Mmɛn ɛnan no bɔɔ Yuda petee a obiara antumi amma ne tiri so, nanso adwumfoɔ yi aba sɛ wɔrebɛhunahuna wɔn, na woatutu aman no mmɛn a wɔmemaa so tiaa Yudaman na wɔbɔɔ nnipa no peteeɛ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

21 Na mibisaa sɛ: Ɛdɛn na eyinom bɛyɛe? Na ose: Eyinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda petee na obi amma ne ti so no, na eyinom baa wɔn ehuyi, sɛ wobetutu amanaman a wɔmaa abɛn so hyɛɛ Yuda asase de bɔɔ wɔn petee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 1:21
6 Iomraidhean Croise  

na abɔnefoɔ mmɛn nyinaa, mɛbubu, teneneefoɔ mmɛn na wɔbɛma soɔ.


Na hwɛ, w’atamfo yɛ gyegyeegye, na wɔn a wɔkyiri woɔ ama wɔn tiri so.


AWURADE ayɛ deɛ ɔsusuiɛ; wama n’asɛm aba mu pɛpɛɛpɛ, n’asɛm a ɔfiri tete mmerɛ no mu hyɛeɛ no; wadwiri, na wanni ho adɔna, na wama ɔtamfoɔ ani agye wo ho, wama w’ahohiahiafoɔ ahoɔden so.


Na metee onipa a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no soɔ no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa deɛ ɔte ase daa no ho ntam sɛ ɛnkɔduru berɛ, mfeɛ mmiɛnsa ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wɔbɛwie yeinom nyinaa.


Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan