Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 1:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na AWURADE bo fuu mo agyanom pa ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Abohuro na AWURADE bo huru tiaa mo agyanom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Awurade bo fuw mo tete agyanom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Awurade bo fuu mo tete agyanom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Abohuru na Awurade bo huru hyɛɛ mo agyanom.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 1:2
24 Iomraidhean Croise  

ɛsiane sɛ w’akoma yɛ bɛtɛɛ na woabrɛ wo ho ase AWURADE anim, sɛ wotee deɛ maka no, ɛha yi ne ɛhafoɔ ho, sɛ wɔbɛdane amamfo ne nnome, na woasunsuane wo ntadeɛ mu na woasu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ɔseɛ.


Nanso AWURADE annane amfiri n’abufuhyeɛ kɛseɛ a ɛdɛre tiaa Yuda, abohuro a Manase de huruu ne boɔ no nyinaa nti no mu.


Na deɛ yɛn nneyɛɛ bɔne ne yɛn asodie kɛseɛ nti ɛbaa yɛn soɔ no nyinaa akyiri yi nso, wo, yɛn Nyankopɔn, woadi yɛn ho adɔna, woamma no annuru yɛn amumuyɛ so, na woama yɛafiri mu sɛdeɛ ɛteɛ yi,


Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam, wo bo afu; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio.


Na wɔba bɛdii soɔ no, wɔantie wo, na wɔanni wo mmara so; deɛ wohyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no nyinaa, wɔanyɛ, enti na woama bɔne yi nyinaa abɛto wɔn yi.


Ɛnna m’anibereɛ ne m’abufuhyeɛ hwie guiɛ, na ɛdɛree Yuda nkuro mu ne Yerusalem mmorɔno so maa no danedane asasefo ne amamfo sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.


Yɛn agyanom ayɛ bɔne, nso wɔnni hɔ, na yɛn na yɛso wɔn amumuyɛ.


Enti mɛhwie m’abufuhyeɛ agu wɔn so, na madwerɛ wɔn anibereɛ gya no mu, na mede wɔn abrabɔ abua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na me nso, mɛdi no anibereɛ so; m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; na wɔde nne kɛseɛ bɛsu agu m’aso mu deɛ, nanso merentie wɔn.


na abofuo kɛseɛ na me bo afu amanaman a wɔte hɔ dwoodwoo no, ɛfiri sɛ me deɛ, me bo fuu kakraa bi, na wɔn deɛ, wɔboae maa no danee bɔne.


Na wɔyɛɛ wɔn akoma sɛ ahwehwɛboɔ, na wɔantie mmara ne nsɛm a asafo AWURADE nam ne honhom so maa akane adiyifoɔ no bɛkaeɛ no, na ɛmaa abufuhyeɛ kɛseɛ firi asafo AWURADE nkyɛn baeɛ no.


Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ mo agyanom huruu me boɔ, na medwenee sɛ mɛyɛ mo bɔne, na masesa m’adwene no,


Adiyifoɔ no mu hwan na mo agyanom antaa no? Na wɔkumm wɔn a wɔkaa Ɔteneneeni no ba no ho asɛm kane no; ɔno na afei moayi no ama wɔaku no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan