Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 1:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

19 Na mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no sɛ: Ɛdeɛn ne yeinom? Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Mibisaa ɔbɔfo a ɔne me rekasa no se, “Eyinom yɛ dɛn?” Obuaa me se, “Saa mmɛn yi na ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem petee no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Mebisaa ɔbɔfoɔ a ɔne me rekasa no sɛ, “Yeinom yɛ ɛdeɛn?” Ɔbuaa me sɛ, “Saa mmɛn yi na ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem peteeɛ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

19 Na mibisaa ɔbɔfo a ɔne me kasae no sɛ: Dɛn ne eyinom? Na obuaa me sɛ: Eyinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda, Israel ne Yerusalem petee no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 1:19
20 Iomraidhean Croise  

Na Kenaana ba Sedekia ayɛ dadeɛ mmɛn na ɔkaa sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Yeinom na wode bɛsum Siriafoɔ de kɔsi sɛ wɔbɛwie wɔn sɛeɛ.


Na Yuda ne Benyamin atamfoɔ no tee sɛ otukorɔ mma no resi asɔredan ama AWURADE Israel Nyankopɔn no,


Ɛnna asase no sofoɔ maa Yuda man no nsam goeɛ, na wɔtuu wɔn akoma abantoɔ no ho.


Na Artasasta berɛ so no, Bislam, Mitredat, Tabeel ne ne mfɛfoɔ nkaeɛ no twerɛɛ nwoma kɔmaa Persiahene Artasasta, na wɔtwerɛɛ ɔmane nwoma no Aramaik kasa mu, na wɔkyerɛɛ aseɛ.


Berɛ no mu ara na Tatenai, asuogya ha amrado ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ baa wɔn soɔ, na sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn nie: Hwan na ɔhyɛɛ mo sɛ monsi ɛdan yi na monto ɔfasuo yi?


Mese ahokyerɛfoɔ sɛ: Monnyɛ ahokyerɛ. Na mese abɔnefoɔ sɛ: Mommma abɛn no so.


Mommma mo abɛn so nnkɔ soro, monnto bamkɔn nnkasa.


Wɔatwa Moab abɛn, na ne basa abu, AWURADE asɛm nie.


Na metee onipa a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no soɔ no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa deɛ ɔte ase daa no ho ntam sɛ ɛnkɔduru berɛ, mfeɛ mmiɛnsa ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wɔbɛwie yeinom nyinaa.


Metwe pinii wɔn a wɔgyina hɔ no mu baako, na mebisaa no yei nyinaa ase; na ɔka kyerɛɛ me, na ɔmaa mehunuu nnoɔma no nkyerɛaseɛ.


Mo a mo ani gye Lo-debar ho na moka sɛ: Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde agye Karnaim mmɛn afa?


Wode mpɛmɛ hwire n’akofoɔ tirim, wɔtu sɛ ahum ba sɛ wɔrebɛbɔ me apete, wɔn anigyeɛ ne sɛ wɔbɛmene mmɔborɔni ahuntaeɛ mu.


Na memaa m’ani so mehwɛe, na hwɛ, na mmɛn nnan nie.


Na mebisaa sɛ: Ɛdeɛn na yeinom bɛyɛeɛ? Na ɔse: Yeinom ne mmɛn a ɛbɔɔ Yuda peteeɛ na obi amma ne tiri soɔ no, na atomfoɔ baanan no baa wɔn ehuyie, sɛ wɔbɛtutu amanaman a wɔmaa abɛn so tiaa Yuda asase de bɔɔ wɔn peteeɛ no mmɛn.


Na ɔbɔfoɔ a ɔrekasa akyerɛ me no ka kyerɛɛ me sɛ: Merebɛkyerɛ wo adekodeɛ a yeinom yɛ.


Na mebisaa sɛ: Ɛhe na worekorɔ? Na ɔbuaa see me sɛ: Merekɔ makɔsusu Yerusalem mahwɛ sɛdeɛ ne trɛ ne ne ntwemu teɛ.


Na sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛdeɛ mo agyanom huruu me boɔ, na medwenee sɛ mɛyɛ mo bɔne, na masesa m’adwene no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan