Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 1:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Mede ayamhyehyeɛ madane m’ani akyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wɔbɛsi me fie nso, asafo AWURADE asɛm nie, na wɔbɛtwe susuhoma mu Yerusalem so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Enti sɛ AWURADE seɛ nie: Mede ayamhyehyeɛ madane m’ani akyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wɔbɛsi me fie nso, asafo AWURADE asɛm nie, na wɔbɛtwe susuhoma mu Yerusalem so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Enti nea Awurade se ni: ‘Mɛsan abehu Yerusalem mmɔbɔ, na hɔ na wɔbɛsan asi me fi. Na wɔbɛtwe susuhama mu wɔ Yerusalem so,’ nea Asafo Awurade se ni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Enti, deɛ Awurade seɛ nie: ‘Mɛsane abɛhunu Yerusalem mmɔbɔ, na ɛhɔ na wɔbɛsane asi me fie. Na wɔbɛtwe susu ahoma mu wɔ Yerusalem so,’ deɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Enti sɛ Awurade se ni: Mede ayamhyehye madan m’ani makyerɛ Yerusalem, ɛhɔ na wobesi me fi nso, asafo Awurade asɛm ni, na wɔbɛtwe susuhama mu Yerusalem so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 1:16
24 Iomraidhean Croise  

Hwan na ɔde ne nsusuiɛ too hɔ, wonim anaa? Anaasɛ hwan na ɔsaa so homa?


Ɛda no na wobɛka sɛ: Meda wo ase, Ao AWURADE, sɛ wo bo fuu me mpo a, w’abufuo no asane, na woakyekyere me werɛ.


na akorɔma ne kɔtɔkɔ na wɔbɛfa, na patuo ne anene atena hɔ. Na ɔbɛsa so sakasakayɛ homa, na amamfoyɛ sumpii boɔ asɛne so.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede Yakob ntomadan mu nnommum meresane aba, na me yam ahyehye me ne tenabea ho; na wɔbɛkyekyere kuro no ne daberɛ, na aban afɛfɛ nso bɛsi deɛ ɛsie.


Na ɔde me baa hɔ no, na hwɛ, ɔbarima bi a ne su te sɛ kɔbere mfrafraeɛ nie, na siwabire homa ne susuo demmire kura ne nsamu, na ɔgyina ɛpono kɛseɛ no ano.


Ɔbarima no firi kɔɔ apueeɛ no, na susuhoma kura ne nsamu, na ɔsusuu basafa ahanum, na ɔde me twaa nsuo no, nsuo a ɛka nanpɔ soɔ.


Deɛ ɛtwa ho hyia yɛ basafa mpem nkron. Na ɛfiri da no, kuro no din ne: AWURADE wɔ hɔ.


Na AWURADE kanyann Sealtiel ba Serubabel, Yuda amrado no honhom, ne Yehosadak ba Yosua, ɔsɔfo panin no honhom, ne ɔman no nkaeɛ nyinaa ahonhom, na wɔba bɛyɛɛ adwuma, asafo AWURADE, wɔn Nyankopɔn fie,


Na mɛhyɛ Yuda fie aboɔduro, na magye Yosef fie nkwa, na mama wɔatena ase; na me yam ahyehye me ama wɔn, na wɔbɛyɛ sɛdeɛ mensumm wɔn nguiɛ, na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn, na mɛgye wɔn so.


na ɔka kyerɛɛ no se: Tu mmirika kɔka kyerɛ aberanteɛ yi sɛ: Yerusalem bɛda hɔ sɛ nkuraankuraa a ɛnni afasuo, nnipa ne mmoa a ɛwɔ mu dodoɔ nti;


na me deɛ, AWURADE asɛm nie, me ara ankasa na mɛyɛ no ogya fasuo atwa ne ho mahyia, na mayɛ ne mu animuonyam.


Huu, huu! Monnwane mfiri atifi fam asase so, AWURADE na ɔseɛ, na matrɛ mo mu sɛ ɔsoro mframa nnan no, AWURADE asɛm nie.


Serubabel nsa na ato efie yi fapem, na ne nsa ara na ɛbɛwie, na woahunu sɛ asafo AWURADE na asoma me mo nkyɛn.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Meresane maba Sion, na matena Yerusalem, na wɔbɛfrɛ Yerusalem sɛ: Nokorɛ kuro, ne asafo AWURADE bepɔ no nso sɛ: Bepɔ kronkron.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan