Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Sakaria 1:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na wɔbuaa AWURADE bɔfoɔ a ɔgyina ohwamdua no ntam no sɛ: Yɛakyini asase so, na hwɛ, asase nyinaa te hɔ komm dwoodwoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

11 Na wɔbuaa AWURADE bɔfoɔ a ɔgyina ohwamdua no ntam no sɛ: Yɛakyini asase so, na hwɛ, asase nyinaa te hɔ komm dwoodwoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Na wɔbɛka kyerɛɛ Awurade bɔfo a ogyina ohuamnnua no mu no se, “Yɛakyin afa asase no so nyinaa, na yehuu sɛ wiase nyinaa wɔ ahomegye ne asomdwoe.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Na wɔbɛka kyerɛɛ Awurade ɔbɔfoɔ a ɔgyina ohwam nnua no mu no sɛ, “Yɛakyin afa asase no so nyinaa, na yɛhunuu sɛ ewiase nyinaa wɔ ahomegyeɛ ne asomdwoeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

11 Na wobuaa Awurade bɔfo a ogyina ohuannua no ntam no sɛ: Yɛakyin asase so, na hwɛ, asase nyinaa te hɔ komm dwoodwoo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Sakaria 1:11
16 Iomraidhean Croise  

Na AWURADE bisaa Satan sɛ: Ɛhe na wofiri baeɛ yi? Na Satan buaa AWURADE sɛ: Mefiri asase so kyini ne ɛso ananteananteɛ na mereba.


Nyankopɔn ko teaseɛnam yɛ mpempem bubuanwea, AWURADE wɔ wɔn mu te sɛ Sinai kronkronbea no mu.


Asase nyinaa so adwo, ayɛ komm; wɔma dwom so;


Na ɔse: Wonim deɛ enti a mebaa wo nkyɛn? Na afei na mɛsane ne Persia bapɔmma no akɔko; na merebɛfiri makɔ a, hwɛ, Hela bapɔmma no bɛba.


Na ɔbarima a ɔgyina ohwamdua no ntam no buaa sɛ: Yeinom na AWURADE asoma wɔn sɛ wɔnkɔkyini asase soɔ.


na abofuo kɛseɛ na me bo afu amanaman a wɔte hɔ dwoodwoo no, ɛfiri sɛ me deɛ, me bo fuu kakraa bi, na wɔn deɛ, wɔboae maa no danee bɔne.


Mehunuu anadwo, na hwɛ, na ɔbarima bi te ɔpɔnkɔ kɔkɔɔ so, na ɔgyina ohwamdua a ɛwɔ bonhwa mu no ntam, na apɔnkɔ akɔkɔɔ, ntokontrama ne afufuo gyinagyina n’akyi. Na mebisaa sɛ: Me wura, yeinom yɛ deɛn?


na ahoɔdenfoɔ no firii adie no, na wɔrepɛ anante akyin asase so; na ɔkaa sɛ: Monkɔ na monkɔkyini asase so. Na wɔkɔkyinii asase so.


Onipa ba no bɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa suntidua ne wɔn a wɔdi nsɛmmɔne nyinaa ano afiri n’ahennie mu,


Sɛdeɛ ɛbɛyɛ wiase awieeɛ no mu ara ne no. Abɔfoɔ no bɛba abɛfa nnipa bɔne afiri ateneneefoɔ mu,


Na Onipa Ba no bɛba n’animuonyam mu a n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho no, ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so.


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


na wama mo a wɔhiahia mo ho no ne yɛn ahome, ɛda a wɔbɛyi Awurade Yesu ne ne tumi abɔfoɔ adie afiri soro, ogyaframa mu,


Yesu Kristo adiyie a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa deɛ ɛtwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfoɔ so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan