Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ɔsɛnkafo 7:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Efie a ayie wɔ mu korɔ yɛ sene efie a apontoɔ wɔ mu korɔ, ɛfiri sɛ ɛno yɛ nnipa nyinaa awieeɛ, na ɔteasefoɔ de hyɛ n’akomam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Efie a ayie wɔ mu korɔ yɛ sene efie a apontoɔ wɔ mu korɔ, ɛfiri sɛ ɛno yɛ nnipa nyinaa awieeɛ, na ɔteasefoɔ de hyɛ n’akomam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Eye sɛ obi bɛkɔ ayi ase sen sɛ ɔbɛkɔ aponto ase, efisɛ owu yɛ onipa biara nkrabea na ɛsɛ sɛ ateasefo hyɛ eyi nsow.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Ɛyɛ sɛ obi bɛkɔ ayie ase sene sɛ ɔbɛkɔ apontoɔ ase, ɛfiri sɛ owuo yɛ onipa biara hyɛberɛ na ɛsɛ sɛ ateasefoɔ hyɛ yei nso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Awerɛhowdi fi kɔ ye sen apontow fi kɔ, efisɛ ɛno ne nnipa nyinaa awiei, na ɔteasefo de hyɛ ne komam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ɔsɛnkafo 7:2
29 Iomraidhean Croise  

Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ, na yɛanya nyansa akoma.


Onipa nyansafoɔ nim faako a ɔrekorɔ, na ɔkwasea deɛ, esum mu na ɔnanteɛ. Nanso mehunuu nso sɛ asiane korɔ no ara na ɛsiane wɔn nyinaa.


Na onyansafoɔ ne ɔkwasea nyinaa, wɔrenkae wɔn daa, ɛfiri sɛ nna a ɛbɛba no mu no na werɛ afiri ne nyinaa dada; na ɛyɛ dɛn na onyansafoɔ ne ɔkwasea nyinaa wuwuo!


Na nnipa mma hyɛberɛ ne mmoa hyɛberɛ sɛ, na hyɛberɛ korɔ da hɔ ma wɔn, sɛ oyi wuo teɛ no, sɛ oyi wuo nso teɛ ne no, na honhom baako na wɔn nyinaa wɔ, na kyɛne a onipa bɛkyɛne aboa nni hɔ; na adeɛ nyinaa yɛ ahuhudeɛ.


Adeɛ nyinaa kɔ faako, adeɛ biara firi dɔteɛ mu, na adeɛ nyinaa sane kɔ dɔteɛ mu.


Na sɛ mpo ɔdi mfeɛ apem mmɔho, nanso wannya mu papa biara a, ɛnyɛ faako na wɔn nyinaa korɔ?


Adeɛ nyinaa ba ateasefoɔ nyinaa so pɛ, nkrabea korɔ na ɛda hɔ ma ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ, deɛ ne ho te ne deɛ ne ho nteɛ, deɛ ɔbɔ afɔdeɛ ne deɛ ɔmmɔ afɔdeɛ. Onipa pa te sɛ ɔdebɔneyɛni, deɛ ɔka ntam te sɛ deɛ ɔsuro ntanka.


Yei yɛ bɔne deɛ wɔyɛ no owia yi aseɛ no nyinaa mu, sɛ nkrabea korɔ da hɔ ma nnipa nyinaa; enti nso na bɔne ayɛ adasamma akomam ma, na adammɔ wɔ wɔn akoma mu ara wɔn asetena mu, na ɛno akyiri no, wɔkɔ awufoɔ nkyɛn.


Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwuwu, na awufoɔ deɛ, wɔnnim biribiara, na wɔnni akatua biara bio, na werɛ afiri wɔn nkaeɛ.


na wokaa sɛ: Mɛyɛ awuraa akɔsi daa; na amma woamfa yeinom anhyɛ w’akomam, woankae wɔn awieeɛ.


Na nkɔ nsanom fie, nso wo ne wɔn nkɔtena ase nnidi nnom.


Na afei sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Monwenwene sɛdeɛ nnoɔma si rekɔ wɔ mo asetena mu ho yie.


Sɛ moantie na moamfa anhyɛ mo akoma mu sɛ mode animuonyam bɛma me din a, asafo AWURADE na ɔseɛ, ɛnneɛ mɛma nnome aba mo mu, na madome mo nhyira no; anokwa, madome wɔn dada, ɛfiri sɛ wɔnyɛ nnipa a wɔde m’asɛm sie wɔn akoma mu.


Hwan na ɔbɛkan Yakob mfuturo ne Israel abupɛn nnan mu baako dodoɔ? Ma menwu ateneneefoɔ wuo, na ma m’awie nyɛ sɛ wɔn deɛ.


Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ, na wɔn na wɔbɛkyekyere wɔn werɛ.


Sɛ wɔyɛ anyansafoɔ a, anka wɔbɛte yei ase, na wɔahunu wɔn awiekyire.


ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo akoma nto nsɛm a meredi mo ho adanseɛ nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.


wɔn na wɔn awieeɛ ne ɔsɛeɛ, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn animuonyam wɔ wɔn aniwuo mu, na asase so nnoɔma ho na wɔdwene.


Na sɛdeɛ ɛda hɔ ma nnipa sɛ wɔbɛwu prɛko na ɛno akyi atemmuo bɛba no,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan