Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ɔsɛnkafo 5:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Mma w’ano nnyɛ worɔworɔ, na w’akoma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi wɔ Nyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo deɛ, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Mma w’ano nnyɛ worɔworɔ, na w’akoma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi wɔ Nyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo deɛ, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mpɛ ntɛm nkasa. Mpere wo ho wɔ wo koma mu sɛ wobɛka asɛm bi wɔ Onyankopɔn anim. Onyankopɔn te ɔsoro na wo de, wowɔ asase so, enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mpɛ ntɛm nkasa, mma wʼakoma ho mpere no sɛ ɔbɛka asɛm bi wɔ Onyankopɔn anim. Onyankopɔn te ɔsoro na wo deɛ, wo wɔ asase so, enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Mma w’ano nnyɛ birebire, na wo koma nso mmpɛ ntɛm mmma asɛm bi mmfi, Onyankopɔn anim, na Onyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo de, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ɔsɛnkafo 5:2
21 Iomraidhean Croise  

Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfoɔ; na wɔsusu sɛ wɔn kasa tentene nti wɔbɛtie wɔn!


Mfomsoɔ mpa ɔkasa dodoɔ mu, na deɛ ɔsianka n’ano yɛ onimdefoɔ.


na sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no, saa ara na m’akwan korɔn sene mo akwan, na m’adwene nso sene mo adwene.


Enti mommɔ mpaeɛ sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, Wo din ho nte,


Na daeɛso rekɔ soro no, na nsɛm huhuo redɔɔso; nanso Onyankopɔn mmom na suro no.


Na Abraham buaa sɛ: Hwɛ, meyɛ mfuturo ne nso deɛ, nanso masi me bo sɛ me ne AWURADE bɛkasa:


Ɛfiri sɛ yɛn nyinaa fom wɔ nnoɔma bebree mu. Sɛ obi mfom asɛm mu a, ɔno ara na ɔyɛ onipa a ɔwie pɛyɛ a ɔbɛtumi ato nipadua nyinaa nnareka adi soɔ.


Na adaeɛso nam ɔbrɛdwene mu na ɛba, na ɔkwasea nne nso nam nsɛm dodoɔ mu.


Ɛyɛ fidie ma onipa sɛ ɔbɛpɛ ntɛm aka sɛ: Ɛyɛ ade kronkron, na ɔbɛhyɛ bɔ ansa na wabisabisa mu.


Na Yakob hyɛɛ bɔ kaa sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn bɛdi m’akyi ahwɛ me so ɔkwan a merebɛtuo yi mu, na wama me aduane madi ne atadeɛ mahyɛ,


Na yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsoro, deɛ ɔpɛ nyinaa na ɔyɛ.


Na ɔkaa sɛ: Mma AWURADE bo mmfu, na menkasa baako pɛ yi: Ebia wɔbɛhunu edu wɔ hɔ. Na ɔse: Edu no nti merensɛe hɔ.


Ɛnna ɔkaa sɛ: Mma AWURADE bo mmfu, na ma menkasa: Ebia wɔbɛhunu aduasa wɔ hɔ. Na ɔse: Sɛ mehunu aduasa wɔ hɔ a, merenyɛ.


Na Yefta hyɛɛ AWURADE bɔ sɛ: Sɛ wode Amonfoɔ no hyɛ me nsa a,


Na ɔkaa no ntam sɛ: Adeɛ biara a wobɛbisa me no, mɛma wo, de kɔsi m’ahennie fa so.


Na ɔboɔ yi a mede mayɛ odum asi hɔ yi bɛyɛ Nyankopɔn fie. Na deɛ wobɛma me nyinaa, mɛma wo so ntotosoɔ du du.


Sɛ asɛnhunu firi onipa anomu anaasɛ ɔka ntam sɛ ɔbɛyɛ bɔne anaa papa bi na ɔnnim mpo a, sɛ akyire n’ani ba ne ho so a, ɔdi adeɛ yi mu biara ho so;


Onyansafoɔ anomu asɛm yɛ nyam, na ɔkwasea ano bɛmene no.


N’anomu asɛm mfitiaseɛ yɛ nkwaseasɛm, na ne kasa awieeɛ yɛ adammɔ bɔne.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan