Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ɔsɛnkafo 4:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na mehunuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiedie nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na mehunuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiedie nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na mihuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne nea onipa tumi yɛ nyinaa nnyinaso ne sɛ nʼani bere ne yɔnko. Eyi nso yɛ ahuhude, mmirika a wotu taa mframa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na mehunuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne deɛ onipa tumi yɛ nyinaa nnyinasoɔ ne sɛ, nʼani bere ne yɔnko. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, mmirika a wɔtu taa mframa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ɔsɛnkafo 4:4
19 Iomraidhean Croise  

Na ɔnyaa nnwankuo ne anantwikuo ne nkoa pii. Na Filistifoɔ no ani beree no.


Na ɔtee Laban mmammarima nsɛm a wɔkaeɛ no sɛ: Yakob afa deɛ ɛyɛ yɛn agya deɛ nyinaa; na ɛno na ɔde anya saa agyapadeɛ yi nyinaa.


Anibereɛ yɛ atirimuɔden, na abufuo yɛ ahometedeɛ, na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe anim?


Mehunuu nnwuma a wɔyɛ no owia yi ase nyinaa, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Na mede m’akoma nyinaa hwehwɛɛ sɛ mɛhunu nyansa, na mahunu adammɔ ne nkwaseasɛm, nanso mahunu sɛ yei nso yɛ dadwene hunu.


Ɛfiri sɛ ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ obi a ɔde ne nyansa, n’adwene ne ne nimdeɛ abrɛ ayɛ adwuma no, ɔgya ne nyinaa hɔ ma deɛ wammrɛ bɛfa: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne adebɔne kɛseɛ.


Na onipa a ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ, na ɔdebɔneyɛni deɛ, ɔma no ha ne ho tase adeɛ boa ano de ma deɛ ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Ɔman no nyinaa, wɔn a wɔdii n’anim nyinaa nni awieeɛ, nso wɔn a wɔbɛba akyire yi no ani rennye ne ho. Ampa ara, yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Na nsɛm pii wɔ hɔ a ɛma ahuhudeɛ dɔɔso; mfasoɔ bɛn na onipa nya?


Deɛ ɛwɔ hɔ a aniwa hu no yɛ sene deɛ akɔnnɔ kyini hwehwɛ. Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Na ɔnim sɛ nitan nti na wɔyii no maeɛ.


Na agyanom mpanimfoɔ no de nitan tɔnn Yosef kɔɔ Misraim, nanso Onyankopɔn dii n’akyi.


Anaasɛ mosusu sɛ atwerɛ no kasa kwa, sɛ: Ɔtwe ne honhom a ɔte yɛn mu no ho ninkunu?


ɛnyɛ sɛ Kain a ɔfiri bɔne mu na ɔkumm ne nua no. Na adɛn nti na ɔkumm no? Ɛfiri sɛ ɔno ara ne nnwuma yɛ bɔne, na ne nua deɛ no deɛ, ɛtene.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan