Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ɔsɛnkafo 3:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Awoɔ wɔ ne berɛ, na owuo wɔ ne berɛ; ɔtɛ wɔ ne berɛ, na deɛ wɔatɛ no tutuo wɔ ne berɛ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Awoɔ wɔ ne berɛ, na owuo wɔ ne berɛ; ɔtɛ wɔ ne berɛ, na deɛ wɔatɛ no tutuo wɔ ne berɛ;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Awo wɔ ne bere, na owu wɔ ne bere, ogu wɔ ne bere na otwa nso wɔ ne bere,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Awoɔ wɔ ne berɛ, na owuo wɔ ne berɛ, ogu wɔ ne berɛ, na otwa nso wɔ ne berɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Awo wɔ ne bere, na owu wɔ ne bere; ɔtɛw wɔ ne bere, na nea wɔatɛw no tutu wɔ ne bere;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ɔsɛnkafo 3:2
36 Iomraidhean Croise  

Na m’apam deɛ, me ne Isak a Sara bɛwo no ama wo afeda sɛsɛɛ no na ɛbɛpam ama no agyina.


Na Israel nna duruu sɛ ɔbɛwuo no, ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ manya w’anim adom a, fa wo nsa ka m’asene mu, na yɛ me adɔeɛ di me nokorɛ, na nsie me Misraim!


Na ɔnam AWURADE asɛm so teaa mu tiaa afɔrebukyia no sɛ: Afɔrebukyia, afɔrebukyia, sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, wɔbɛwo ɔba ama Dawid fie a ne din de Yosia, na wo so na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ a wɔhye wo so aduhwam bɛbɔ afɔdeɛ, na wahye nnipa nnompe wɔ wo so.


Na ɔkaa sɛ: Afeda sɛsɛberɛ yi mu no, wobɛwo ɔba. Na ɔse: Nyɛ saa, me wura, Nyankopɔn nipa, nni atorɔ nkyerɛ w’afenaa.


Sɛ onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa? Anka m’akodie nna nyinaa mɛtwɛn akɔsi sɛ me nsakyera bɛba.


Sɛ wɔahyɛ me nna ato hɔ, na n’abosome dodoɔ wɔ wo tirim, na woatwa hyeɛ a ɔrensiane ho ama no a,


Ɛnyɛ akodie na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase soɔ na ne nna te sɛ ɔpaani nna?


Ɔma ɔbaabonini nya efie tena mu, na ɔyɛ ɔbaatan a n’ani gyeɛ. Monyi AWURADE ayɛ!


Onyankopɔn nso bɛbɔ wo ahwe fam koraa, ɔbɛyi wo hɔ atu wo afiri wo tenabea, na watutu w’ase afiri ateasefoɔ asase so.


Siesie w’adwuma wɔ baabi, na toto wo biribiara w’asase so; na ɛno akyiri no woakyekyere wo fie.


Daa nyinaa na ɔfuntumfoɔ funtum sɛ ɔbɛgu n’aba? Ɔtutu siesie n’asase ani daa anaa?


Nna no mu no, Hesekia yaree owuyareɛ, na Amos ba Odiyifoɔ Yesaia baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hyɛ wo fie nsamanseɛ, na worebɛwu, na worennya nkwa.


Kɔ na kɔka kyerɛ Hesekia sɛ: Sɛdeɛ AWURADE, w’agya Dawid Nyankopɔn, seɛ nie: Mate wo mpaebɔ, mahunu wo nisuo; hwɛ, mede mfeɛ dunum bɛto wo nna so,


To dwom, wo bonini a woanwoɔ; to anigyeɛ dwom na fa ahosan team, wo a wonkyem mma! Na onnibie mma bɛdɔɔso asene deɛ ɔwɔ kunu mma, AWURADE na ɔseɛ.


Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo asi amanaman ne ahennie ahodoɔ so, na woatutu na woabubu, na woasɛe na woabutu, na woasi na woatɛ nso.


Sei na ka kyerɛ no: Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, deɛ mesiiɛ no, meredwiri, na deɛ meduaeɛ no, meretutu; na yei bɛba asase no nyinaa so.


Onipa ba no bɛsoma n’abɔfoɔ na wɔakɔboaboa suntidua ne wɔn a wɔdi nsɛmmɔne nyinaa ano afiri n’ahennie mu,


Na ɔbuaa sɛ: Dua biara a ɛnyɛ me soro Agya na ɔduaeɛ no, wɔbɛtu.


Na ɔbɔfoɔ no see no sɛ: Sakaria, nsuro, na wɔatie wo mpaebɔ, na wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima ama wo, na woato ne din Yohane.


Na hwɛ, wobɛtɔre mum, na worentumi nkasa de bɛkɔ akɔsi da a yeinom bɛba mu, ɛfiri sɛ, woannye me nsɛm a ɛbɛba mu ne berɛ mu no anni.


Na hwɛ, wo busuani Elisabet nso anyinsɛn ɔbabarima ne mmerewa berɛ mu; na deɛ wɔfrɛ no obonini no, yei ne ne bosome a ɛtɔ so nsia;


Ɔbaa, sɛ ɔrewo a, ɔte yea, ɛfiri sɛ ne dɔn adu; na sɛ ɔnya wo ɔba no a, ɔnkae ahohia no bio, anigyeɛ a wanya sɛ wɔawo ɔba aba wiase no nti.


Enti na anka wɔrehwehwɛ no akye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.


Na ɛbɔ a Onyankopɔn kaa ho ntam kyerɛɛ Abraham no berɛ reduru no, ɔman no dɔree, na wɔyɛɛ bebree wɔ Misraim


Ɛberɛ no ara mu na wɔwoo Mose, na ne ho yɛ fɛ Nyankopɔn anim, na wɔhwɛɛ no abosome mmiɛnsa n’agya fie.


na ɛberɛ no wiee duro no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbaa woo no maa wɔwoo no mmara ase,


Na AWURADE akoa Mose wuu wɔ hɔ, Moab asase so sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Na sɛdeɛ ɛda hɔ ma nnipa sɛ wɔbɛwu prɛko na ɛno akyi atemmuo bɛba no,


Wɔn a wɔmee kɔdi aduane ho paa, na pititɔfoɔ kɔm gu; Obonini mpo awo nson, na deɛ ɔwɔ mma bebree no yɛ ɔhokwafoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan