Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Ɔsɛnkafo 1:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Ɔsɛnkafoɔ na ɔseɛ; ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Adeɛ nyinaa yɛ huhuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Ɔsɛnkafoɔ na ɔseɛ; ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ! Adeɛ nyinaa yɛ huhuo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Ahuhude! Ahuhude!” Ɔsɛnkafo no na ose. “Ahuhude mu ahuhude Biribiara yɛ ahuhude.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Ahuhudeɛ! Ahuhudeɛ!” Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ. “Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ Biribiara yɛ ahuhudeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ahuhude mu ahuhude! Ɔsɛnkafo na ose; ahuhude mu ahuhude! Ade nyinaa yɛ huhuw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Ɔsɛnkafo 1:2
23 Iomraidhean Croise  

Na onipa tibɔnkɔso nya nyansa akoma a, na ɛte sɛdeɛ wɔawo afunumu ba onipa.


Onipa te sɛ ahuhuo, ne nna te sɛ sunsum a ɛretwam.


Kae me nna tiaa a ɛyɛ: Ade hunu yi ara nti na wobɔɔ nnipa mma nyinaa?


Na yi awerɛhoɔ firi w’akoma mu, na ma adebɔne mpare wo honam, na mmɔfraase ne mmeranteberɛ yɛ ahuhudeɛ.


Na sɛ onipa di mfeɛ pii a, ɔmma n’ani nnye ne nyinaa mu, na ɔnkae esum nna no, sɛ ɛbɛdɔɔso; deɛ ɛbɛba nyinaa yɛ ahuhudeɛ.


Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ, Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ.


Ɛnna medanee m’ani mehwɛɛ me nnwuma a me nsa yɛeɛ no nyinaa ne me brɛ a mebrɛ meyɛeɛ no, na hwɛ, ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu, na mfasoɔ biara nni mu owia yi ase.


Na mekaa no m’akomam sɛ: Ɔkwasea asiane no ara bi na ɛbɛsiane me nso; na ɛno deɛ, adɛn nti na mehunuu nyansa mesenee ebinom? Na mesee no m’akomam sɛ: Yei nso yɛ ahuhudeɛ.


Ɛnna asetena fonoo me, ɛfiri sɛ na nnoɔma a wɔyɛ no owia yi ase no nyɛ wɔ m’ani so; na ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Na hwan na ɔnim sɛ ɔbɛyɛ onyansafoɔ anaa ɔkwasea? Nanso ɔbɛdi m’adeɛ a mebrɛɛ ho mede nyansa menyaa no owia yi ase no nyinaa so. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.


Ɛfiri sɛ ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ obi a ɔde ne nyansa, n’adwene ne ne nimdeɛ abrɛ ayɛ adwuma no, ɔgya ne nyinaa hɔ ma deɛ wammrɛ bɛfa: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne adebɔne kɛseɛ.


Na ne nna nyinaa yɛ ayayadeɛ, na ne haw yɛ no awerɛhoɔ, nso anadwo mpo n’akoma ntɔ ne yam: Yei nso, ahuhudeɛ ne no.


Na onipa a ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ, na ɔdebɔneyɛni deɛ, ɔma no ha ne ho tase adeɛ boa ano de ma deɛ ɔyɛ wɔ Nyankopɔn anim: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


nso meboaa dwetɛ, sika, ahemfo ne nsase so ademudeɛ ano mefae, menyaa mmarima ne mmaa nnwontofoɔ ne mmarima anigyedeɛ ne mpenafoɔ bebree;


Na nnipa mma hyɛberɛ ne mmoa hyɛberɛ sɛ, na hyɛberɛ korɔ da hɔ ma wɔn, sɛ oyi wuo teɛ no, sɛ oyi wuo nso teɛ ne no, na honhom baako na wɔn nyinaa wɔ, na kyɛne a onipa bɛkyɛne aboa nni hɔ; na adeɛ nyinaa yɛ ahuhudeɛ.


Ɔman no nyinaa, wɔn a wɔdii n’anim nyinaa nni awieeɛ, nso wɔn a wɔbɛba akyire yi no ani rennye ne ho. Ampa ara, yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Na mehunuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiedie nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu: Yei nso yɛ ahuhudeɛ ne dadwene hunu.


Ɔbaako wɔ hɔ na obiara nka ne ho, nso ɔnni babarima anaa onuabarima, nanso ne brɛ nyinaa nni awieeɛ, ahonya nso mmee n’ani. Na hwan mpo na merebrɛ na merekame me kra nnepa mama no? Yei nso, ahuhudeɛ ne ɔhaw bɔne ne no.


Deɛ ɔpɛ sika no, sika mmee no, na deɛ ɔpɛ adeɛ dodoɔ no nnya mu mfasoɔ: Yei nso yɛ ahuhudeɛ.


Na nsɛm pii wɔ hɔ a ɛma ahuhudeɛ dɔɔso; mfasoɔ bɛn na onipa nya?


Na wɔde abɔdeɛ no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ ɛno ara na ɛpɛ, na mmom deɛ ɔde hyɛɛ aseɛ no ntira, anidasoɔ mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan