Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 99:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 AWURADE di hene, aman ho popo; ɔte Kerubim so, asase him.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 AWURADE di hene, aman ho popo; ɔte Kerubim so, asase him.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade di hene, momma amanaman no ho mpopo; ɔte nʼahengua so wɔ kerubim ntam, ma asase nwosow.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Awurade di ɔhene, momma amanaman no ho mpopo; ɔte nʼahennwa so wɔ Kerubim ntam, ma asase nwoso.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 AWURADE di hene, aman ho popo; ɔte Kerubim so, asase him.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 99:1
30 Iomraidhean Croise  

Na Dawid sɔreeɛ, na ɔne dɔm a wɔka ne ho nyinaa kɔ kɔfirii Baale-yuda, sɛ wɔrekɔfa Nyankopɔn apam adaka a wɔbɔ din a ɛyɛ asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no din wɔ soɔ no afiri hɔ aba.


Asase nyinaa, mo ho mpopo wɔ n’anim. Wiase tim hɔ pintinn, ɛrenhinhim da.


Na ɔtenaa Kerub so na ɔtui, na ɔde mframa ntaban tu bae afrɛ so.


Me AWURADE na masi me hene, me bepɔ kronkron Sion so.


Israel dwanhwɛfoɔ, yɛ aso, wo a woka Yosef sɛ nnwankuo, wo a wote Kerubim soɔ, pue hran.


Efraim ne Benyamin ne Manase anim na ma wo homene soɔ, na bra bɛgye yɛn.


Wɔnnim de, na wɔnte aseɛ, esum mu na wɔnante korɔ, asase nnyinasoɔ nyinaa rewoso.


AWURADE di hene, ɔde animuonyam ahyehyɛ ne ho. AWURADE ahyehyɛ ne ho, ɔde ahoɔden akyekyere ne ho, na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim.


Monka amanaman mu sɛ, AWURADE di hene, na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim, na ɔbɛdi aman so, tenenee mu.


Monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu, asase nyinaa, mo ho mpopo n’anim.


AWURADE di hene, ma asase ho nsane no, na nsupɔ bebree no nso ani nnye.


N’anyinam hran wiase, asase hunu, na ɛpopo.


Na ɛhɔ na me ne wo bɛhyia, na mafiri mpata adwa no so wɔ kerubim mmienu a wɔwɔ Adanseɛ adaka no soɔ no ntam maka wo nnoɔma a mɛhyɛ wo sɛ fa kyerɛ Israelfoɔ no nyinaa.


AWURADE ahwie anisobirie honhom agu ne mu, na wɔama Misraim agyigya, ne nneyɛɛ nyinaa mu, sɛdeɛ nsaboni yantam wɔ ne feɛ mu no.


Mehwɛɛ mmepɔ, na hwɛ, na ɛrewoso, na nkokoɔ nyinaa rehinhim.


Wɔn ahweaseɛ gyegyeegye nti, asase woso, agyaadwo a wɔtwa no, wɔte nka Mmɛwa Po ano tɔnn.


Monsuro me? AWURADE asɛm nie, anaasɛ mo akoma ntu m’anim? Me a mede anwea meto po ano hyeɛ, daa hyeɛ a ɛntumi ntra; na sɛ mpo n’asorɔkyeɛ bɔ a, ɛntumi no, na sɛ ɛhuru sɛ deɛn ara a, ɛntumi ntra.


Ɛnne a ɛse: Wɔafa Babel! no gyegyeegye nti asase woso, wɔte agyaadwotwa amanaman mu.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, m’ahennwa sibea ne m’anammɔn agyinaeɛ a mɛtena hɔ, Israelfoɔ mu akɔsi daa nie. Na Israel fie rengu me din kronkron ho fi bio, sɛdeɛ wɔn ne wɔn ahemfo de wɔn adwamammɔ ne wɔn ahemfo afunu yɛeɛ no, wɔn sorɔnsorɔmmea so,


Ɔdehyeɛ bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri, sɛ ɔrekɔgye n’ahennie na wasane aba.


Na ne manfoɔ tane no, na wɔsomaa abɔfoɔ dii n’akyiri sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene.


Na m’atamfoɔ a wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene no deɛ, momfa wɔn mmra ha, na mommɛkum wɔn m’anim!


Enti, m’adɔfo, sɛdeɛ moyɛ setie daa no, ɛnyɛ sɛ berɛ a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a menni mo nkyɛn yi titire no, momfa suro ne ahopopoɔ nyɛ mo ara mo nkwagyeɛ ho adwuma nwie;


kaa sɛ: Yɛda wo, Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ a na wowɔ hɔ dada, na wowɔ hɔ no ase, sɛ woafa wo tumi kɛseɛ, na woadi hene.


Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Na ɔsoro yeraeɛ sɛ nwoma a wɔabobɔ, na mmepɔ ne nsupɔ nyinaa tutu fifirii deɛ na ɛwowɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan