Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 98:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Wakae n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ama Israel fie, asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Wakae n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ama Israel fie, asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wakae nʼadɔe ne ne nokware a odi kyerɛɛ Israelfo no; asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wakae nʼadɔeɛ ne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ; asase ano nyinaa ahunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Wakae n’adɔe ne ne nokware ama Israel fi, asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 98:3
21 Iomraidhean Croise  

Na ɔkaee n’apam maa wɔn, na n’adɔeɛ dodoɔ nti ɔyɛɛ ntimmɔborɔ.


Asase ano ano sofoɔ nyinaa bɛkae adane aba AWURADE nkyɛn, na amanaman mmusuakuo nyinaa abɛkoto n’anim.


Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa asuro no.


AWURADE ama wɔahunu ne nkwagyeɛ, wayi ne tenenee adi, amanaman anim.


Monnane mo ho mmra me nkyɛn na wɔnnye mo nkwa, mo asase ano nyinaa. Na mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.


ɔse: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


AWURADE ayi ne basa kronkron no ho, amanaman nyinaa anim, na asase ano nyinaa ahunu yɛn Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Sɛdeɛ obi a ɔnam mmepɔ soɔ ka asɛmpa no nan si yɛ fɛ fa! Ɔno na ɔka asomdwoeɛsɛm, ɔka papa ho asɛmpa, ɔma wɔte nkwagyeɛ asɛm, na ɔka kyerɛ Sion sɛ: Wo Nyankopɔn di hene!


ɛnneɛ mɛkae mene Yakob apam no; ɛne mene Isak apam no nso; na mene Abraham apam no nso mɛkae, na mɛkae asase no.


Fa nokorɛ kyerɛ Yakob, yi adɔeɛ kyerɛ Abraham, sɛdeɛ wokaa yɛn agyanom ntam firi tete nteredee nna mu no.


sɛ ɔbɛhu yɛn agyanom mmɔbɔ, na wakae n’apam kronkron no:


Na honam nyinaa bɛhunu Nyankopɔn nkwagyeɛ.


Na saa ara na Awurade ahyɛ yɛn sɛ: Mede wo masi hɔ sɛ amanaman kanea, na woayɛ nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


Enti monhunu sɛ wɔama wɔde Nyankopɔn nkwagyeɛ no akɔma amanaman mufoɔ; na wɔbɛte.


Na nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Helani ntam; ɛfiri sɛ Awurade korɔ no ara na ɔdi wɔn nyinaa soɔ, na ɔwɔ ahonyadeɛ ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.


Na mebisa sɛ: Wɔante koraa? Ampa ara wɔate, wɔn nne firi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duruu wiase ano.


na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ, ɔrempa mo na ɔrensɛe mo, na ne werɛ remfiri mo nananom apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wɔn no.


Na wɔtoo dwom foforɔ sɛ: Wofata sɛ wogye nwoma no na wobue ne nsɔano no, ɛfiri sɛ wɔaku wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afiri mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfoɔ ne aman nyinaa mu,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan