Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 96:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Momfa AWURADE din animuonyam mma no, monsoa ayɛyɛdeɛ mmra n’abannwa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Momfa AWURADE din animuonyam mma no, monsoa ayɛyɛdeɛ mmra n’abannwa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Momfa anuonyam ne din a ɛfata mma Awurade; momfa afɔrebɔde nhyɛn nʼadiwo hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Momfa animuonyam ne din a ɛfata mma Awurade; momfa afɔrebɔdeɛ nhyɛne nʼadihɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Momfa AWURADE din anuonyam mma no, monsoa ayɛyɛde mmra n’abangua so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 96:8
21 Iomraidhean Croise  

Momfa aseda nhyɛne n’aponkɛseɛ mu, na momfa ayeyie mmra n’abannwa so. Monna no ase, monhyira ne din.


Wasoma ɔgyeɛ abrɛ ne man, wahyɛ n’apam de kɔsi daa, ne din yɛ kronkron, na ɛho yɛ hu.


AWURADE fie adihɔ, wo, Yerusalem, mfimfini. Monyi AWURADE ayɛ!


Aane, monhyɛ AWURADE din animuonyam, monsɔre AWURADE, ahokeka kronkron mu.


Na Tiro babaa de ayɛyɛdeɛ ba, na ɔman mu adefoɔ bɛdɛfɛdɛfɛ wo.


Tarsis ne nsupɔ mu ahemfo bɛba abɛyɛ ayɛ, Saba ne Seba ahemfo bɛba abɛkyɛ adeɛ.


Na asase no so nnipa no nso nkoto nsɔre ɛpono kɛseɛ no ano, home nna ne abosome foforɔ mu, AWURADE anim.


Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Enti, anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so metu mo fo sɛ momfa mo nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɛte aseɛ, a ɛyɛ kronkron a ɛsɔ Nyankopɔn ani, a ɛne mo nyamesom a adwene wɔ mu no.


sɛ menyɛ Yesu Kristo somfoɔ amanaman no mu, menkɔyɛ Nyankopɔn asɛmpa no ho asɔfodwuma, na amanaman mufoɔ nyɛ afɔdeɛ a ɛyɛ dɛ a wɔate ho Honhom Kronkron mu.


Na mpo sɛ wɔhwie me gu sɛ afɔrebɔ wɔ mo gyidie som ho a, m’ani gye, na me ne mo nyinaa di ahurisie.


Na manya ne nyinaa ama no aboro so. Na ɛfiri sɛ me nsa kaa deɛ mode manee Epafrodito no, mayɛ ma, ɛyɛ ehwa a ɛyɛ dɛ, ɛyɛ afɔrebɔ a wɔgye a ɛsɔ Nyankopɔn ani.


Ɛno nti momma yɛmfiri adi nkɔ ne nkyɛn nsraban no akyiri nkɔsoa n’ahohora.


mo nso momma wɔmfa mo sɛ aboɔ a nkwa wɔ mu nto aban, na moayɛ honhom mu dan, asɔfokuo kronkron, sɛ mobɛbɔ honhom mu afɔdeɛ a ɛnam Yesu Kristo so sɔ Nyankopɔn ani.


Awurade, hwan na ɔrensuro woɔ na ɔrenhyɛ wo din animuonyam? Ɛfiri sɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, ɛfiri sɛ w’atɛn tenenee ada adi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan