Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 96:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Monka n’animuonyam, amanaman mu, n’anwanwadeɛ, aman nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Monka n’animuonyam, amanaman mu, n’anwanwadeɛ, aman nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Monka nʼanuonyam wɔ amanaman mu, monka nʼanwonwade a wayɛ wɔ nnipa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Monka nʼanimuonyam wɔ amanaman mu, monka nʼanwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Monka n’anuonyam, amanaman mu, n’anwonwade, aman nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 96:3
15 Iomraidhean Croise  

Monyi no ayɛ ne mmaninyɛ mu, monyi no ayɛ sɛ ne kɛseyɛ sononko no teɛ.


Asase ano ano sofoɔ nyinaa bɛkae adane aba AWURADE nkyɛn, na amanaman mmusuakuo nyinaa abɛkoto n’anim.


AWURADE, mɛda wo ase aman mu, mɛto wo ayeyie dwom aman mu,


Mɛgye m’ani na madi ahurisie wɔ wo mu, mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ayeyie dwom.


ɔse: Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa na woama Yakob mmusuakuo soɔ, na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba; na mede wo bɛyɛ amanaman hann, na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.


Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so; na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.


Na mɛtwitwa nteaseɛnam afiri Efraim, ne apɔnkɔ nso afiri Yerusalem, na wɔatwa akodie tadua nso; na ɔbɛka ɔmannwoeɛsɛm akyerɛ amanaman, na n’ahennie bɛfiri ɛpo so akɔ ɛpo so, na afiri asuo ano akɔsi asase awieeɛ.


Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafoɔ, na mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu,


na wɔafa ne din so akɔka adwensakyera ne bɔne fakyɛ amansan nyinaa mu, na wɔbɛfiri aseɛ wɔ Yerusalem.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan