Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 94:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Asase temmufoɔ, ma wo ho so, tua ahokyerɛfoɔ ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Asase temmufoɔ, ma wo ho so, tua ahokyerɛfoɔ ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Sɔre, asase so Temmufo, tua ahantanfo ka sɛnea ɛfata wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Sɔre, Ao wo a woyɛ asase so ɔtemmufoɔ, tua ahantanfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Asase temmufo, ma wo ho so, tua ahokyerɛfo ka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 94:2
23 Iomraidhean Croise  

Yei mpare wo sɛ wobɛdi saa asɛm yi sɛ wobɛkum ɔteneneeni ne ɔdebɔneyɛni afra, na ɔteneneeni ayɛ sɛ ɔdebɔneyɛni; yei mpare wo. Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?


Yɛn Nyankopɔn, woremmu wɔn atɛn? Na yɛnni tumi a yɛde regyina ɛdɔm bebree yi a wɔreba yɛn soɔ yi anim. Na yɛn deɛ, yɛnnim deɛ yɛnyɛ, na wo so na yɛn ani da.


Monnɔ AWURADE, mo a moyɛ n’ahotefoɔ nyinaa. AWURADE hwɛ wɔn a wɔdi nokorɛ so, na ɔtua deɛ ɔdi ahantansɛm no ka ma no boro so.


Na ɔsoro bɛka ne tenenee akyerɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔrebɛbu atɛn.


Ma Onyankopɔn nsɔre na n’atamfo nhwete, na ma wɔn a wɔkyiri no nnwane n’anim.


AWURADE, sɔre w’abufuo mu, ma wo ho so tia m’ahohiahiafoɔ aniɛden, na nyane ma me, wo a woahyɛ atemmuo.


Onyankopɔn, sɔre, bɛdi wo ara w’asɛm, kae sɛdeɛ nkwasea bɔ wo ahohora da mu nyinaa.


Ao! Onyankopɔn, sɔre ɛ, bu asase atɛn, na wo na wobɛdi adeɛ, amanaman nyinaa mu.


Na ɛbɛba sɛ, sɛ AWURADE nya yɛ n’adeɛ a ɔbɛyɛ Sion bepɔ so ne Yerusalem wie a, mɛba mabɛtua Asiriahene akomapirim ne n’ani a atra ne ntɔn no so ka.


Na wɔbɛbrɛ onipa ahantan ase, na mmarima ahokyerɛ aba fam, na wɔama AWURADE nko so ɛda no.


Hwan na woasopa no na woaya no? Na hwan so na woama wo nne soɔ na wɔama w’ani atra wo ntɔn? Wode atia Israel Kronkronni no.


Ɛsiane sɛ wobɔ me so dam na wo dwɛɛbɔ aforo abɛduru m’aso mu nti, mede me kaa bɛhyɛ wo hwenem na mede me manniamfrɛ ato w’anomu, na masane wo afa kwan a wonam so baeɛ no so akɔ.


Afei me, Nebukadnessar, mekamfo ɔsoro hene mema no so meyi no ayɛ, sɛ ne nneyɛɛ nyinaa yɛ nokorɛ, na n’akwan yɛ atɛntenenee, na wɔn a wɔnam ahantan soɔ no, ɔtumi brɛ wɔn ase.


Womma wo nsa so, w’ahohiahiafoɔ so, na w’atamfo nyinaa to ntwa.


Na ɛtwa sɛ yɛn nyinaa yɛkɔpue Kristo atemmuo adwa no anim hɔ, na obiara anya deɛ ɔnam nipadua so yɛeɛ no, papa oo, bɔne oo, sɛdeɛ ɔyɛeɛ no.


Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan