Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 92:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na hwɛ, w’atamfo no, Ao AWURADE, w’atamfo no deɛ, wɔbɛsɛe, na wɔbɛhwete amumuyɛfoɔ nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na hwɛ, w’atamfo no, Ao AWURADE, w’atamfo no deɛ, wɔbɛsɛe, na wɔbɛhwete amumuyɛfoɔ nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Awurade, ampa ara, wʼatamfo bɛyera; na wɔbɛhwete abɔnefo nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ao Awurade ampa ara, wʼatamfoɔ bɛyera; na wobɛhwete abɔnefoɔ nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Nanso wo, AWURADE, wokrɔn daa, Na hwɛ w’atamfo no, Ao! AWURADE, W’atamfo no de wɔbɛyera

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 92:9
21 Iomraidhean Croise  

Na abɔnefoɔ deɛ, wɔnte saa, na wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ guo.


Wobɛsɔre abɛhunu Sion mmɔbɔ, na ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wodom no ni, na ɛberɛ no adu.


Tete nteredee na wohyɛɛ asase aseɛ, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.


Na abɔnefoɔ deɛ, wɔbɛyera, na AWURADE atamfoɔ bɛyɛ sɛ ɛserɛ so nhwiren, wɔbɛhye awie sa sɛ wisie.


Nku wɔn, na me man werɛ amfi; fa w’ahoɔden bɔ wɔn pansam, na fa wɔn hwe fam, yɛn kyɛm ne wo, AWURADE.


Ka mmɛwa mu aboa ne anantwininikuo ne anantwie mma a ɛyɛ aman no anim, na wɔde dwetɛ mpɔ abɛsom. Pansam aman a wɔpɛ akodie mu.


Na hwɛ, wɔn a wɔfiri wo nkyɛn kɔ akyiri no bɛyera, wobɛsɛe wɔn a wɔfiri wo nkyɛn kɔbɔ adwaman nyinaa.


Wo na woabubu Rahab pasaa sɛ ɔtɔfoɔ, wode wo tumi nsa abɔ w’atamfo apansam.


Na wo AWURADE ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so, wɔama wo so koraa wɔ anyame nyinaa so.


Aman a wɔyɛ hoo sɛ nsuo bebree hooyɛ, nanso ɔka wɔn anim ma wɔdwane kɔ akyirikyiri, na wɔti wɔn sɛ mmepɔ so ntɛtɛ, mframa anim, ne nkyinhyia mfuturo ahum anim.


Wo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛwuwu owuyadeɛ ano, na ɛkɔm bɛdwerɛ wɔn wo mu, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako bɛtotɔ nkrantɛ ano atwa wo ho ahyia, na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso, mɛbɔ wɔn apete mframa nyinaa mu, na matwe nkrantɛ madi wɔn akyi.


na mo deɛ, mɛbɔ mo ahwete wiase amanaman mu, na matwe nkrantɛ madi mo akyi, na mo asase bɛda hɔ tuu, na mo nkuro ayɛ akurofo.


Na sɛ adaka no retu a, Mose ka sɛ: AWURADE, sɔre na w’atamfo mmɔ mpete na wɔn a wɔkyiri woɔ nnwane w’anim.


Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Mennim mo da, momfiri me so nkɔ, mo a moyɛ deɛ ɛntene!


Na m’atamfoɔ a wɔmpɛ sɛ medi wɔn so hene no deɛ, momfa wɔn mmra ha, na mommɛkum wɔn m’anim!


Na wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman bɛtiatia Yerusalem so de akɔsi sɛ amanaman no berɛ bɛwie duro.


Na AWURADE bɛbɔ wo ahwete aman nyinaa mu afiri asase ano akɔsi asase ano, na ɛhɔ na wobɛsom anyame foforɔ a wo ne wo nananom nni wɔn a ɛyɛ nnua ne aboɔ;


Saa na ma w’atamfo nyinaa nsɛeɛ, AWURADE, na w’adɔfo nyɛ sɛ owia a ɛfiri n’ahoɔden mu. Na asase no so dwoo mfeɛ aduanan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan