Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 92:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 sankuhan du ne bɛnta so, sankuo ho adwempa dwom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 sankuhan du ne bɛnta so, sankuo ho adwempa dwom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 wɔ hama du sanku so ne sankuten nnwom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 wɔ ahoma edu sankuo so ne sankuten nnwom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 sankuhan du ne bɛnta sanku so, sanku ho adwempa dwom mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 92:3
17 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ne Israel nyinaa goroe, Nyankopɔn anim, wɔde ahoɔden nyinaa ne nnwom ne asankuo ne mmɛnta ne mpintin ne nnawuro ne ntotorobɛnto.


Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifoɔ asafohene no sɛ wɔnyiyi wɔn nuanom nnwontofoɔ no mma wɔnkurakura nnwontoɔ nnoɔma: Mmɛnta, mmɛn ne asankuten ne nsambɔ nnawuro nnyinagyina hɔ mma wɔnte wɔn nka na wɔmma wɔn nne so anigyeɛ mu.


Na wɔnnyina hɔ daa anɔpa nna ase, nyi AWURADE ayɛ, na anwummerɛ nso, saa ara,


Yeinom nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase AWURADE fie dwontoɔ no mu, kurakura nnawuro, mmɛnta ne nsankutene som Nyankopɔn fie. Asafo ne Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene ase.


Na wɔkurakura mmɛnta ne asankuten ne ntotorobɛnto baa Yerusalem bɛhyɛnee no AWURADE fie.


na nkyɛmu baako ntena ɔhene fie, na nkyɛmu baako nso ntena nnyinasoɔ pono no ano, na ɔman no nyinaa ntena AWURADE fie abannwa no so.


Na ɔde Lewifoɔ no gyinagyinaa AWURADE fie, na wɔkurakura nnawuro ne mmɛnta ne asankuten sɛdeɛ Dawid ne ɔhene no Ɔdehunufoɔ Gad ne Odiyifoɔ Natan hyɛeɛ no. Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nsa so na ɔhyɛeɛ.


Na wɔrebɛdwira Yerusalem fasuo no, wɔhwehwɛɛ Lewifoɔ no firi wɔn tenabea nyinaa, sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem, na wɔde aseda ne nnwom, nnawuro, mmɛnta ne asankuten adi odwiratwa no anigyeɛ mu.


Ma wɔmfa asa nyi ne din ayɛ, ma wɔmfa mpintin ne asankuo nto dwom mma no.


Momfa sankuo nna AWURADE ase, momfa sankuo a ɛso homa du nto no dwom!


Mɛbisa me Nyankopɔn ne me botan no, sɛ: Adɛn nti na wo werɛ afiri me? Adɛn nti na ɔtamfoɔ hyɛ a ɔhyɛ me soɔ nti memfa awerɛhoɔ mennanteɛ?


Me kra, nyane, bɛnta ne sankuten, nyane, me nso mɛnyane anɔpahema.


Nnwontofoɔ di kan, asankubɔfoɔ di akyire wɔ mmabaa a wɔka mpintin ntam.


AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn, ɔde ɔbɔnefoɔ nsam nneyɛɛ atoatoa no.


Ɛno akyiri no, wobɛduru Gibea-elohim, wɔ deɛ Filistifoɔ bansifoɔ wɔ no; na ɛbɛba sɛ woduru kuro no mu hɔ a, wobɛhyia adiyifoɔ asafo a wɔresiane afiri sorɔnsorɔnbea hɔ, na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne asankuo di wɔn anim; na wɔrehyɛ nkɔm.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan