Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 92:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Ɔteneneeni bɛfefɛ sɛ abɛ, ɔbɛnyini sɛ Lebanon so tweneduro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Ɔteneneeni bɛfefɛ sɛ abɛ, ɔbɛnyini sɛ Lebanon so tweneduro.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Atreneefo bɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ abedua, wobenyin sɛ Lebanon sida;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmm te sɛ abedua, wɔbɛnyini sɛ Lebanon ntweneduro;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɔtreneeni bɛfefɛw sɛ abɛ, obenyin sɛ Lebanon so kyeneduru.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 92:12
17 Iomraidhean Croise  

Na ɔkasaa nnua ho firi tweneduro a ɛwɔ Lebanon so kɔsii adwera a ɛfifiri ɔfasuo mu so, na ɔkaa mmoa ne nnomaa ne wɔn a wɔwea ne mpataa ho asɛm.


Na ɔdii ɛdan no afasuo no nyinaa ho adwini hyiae, kerubim ne mmɛ ne nhwiren a ahanehane na wɔhunu wɔ pia no mu ne asa no so.


Na Yudafoɔ no de afena ano ne okum ne ɔsɛeɛ kaa wɔn atamfoɔ nyinaa, na wɔyɛɛ wɔn atamfoɔ no sɛdeɛ wɔpɛ.


Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛso n’aba ne berɛ mu, na n’ahahan mpo, na deɛ ɔyɛ nyinaa bɛwie yie.


Wɔma AWURADE nnua nso mee, Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no.


Mmepɔ ne nkokoɔ nyinaa, nnua a ɛsoɔ ne ntweneduro nyinaa,


Twɛn AWURADE, na fa ne kwan so, na ɔbɛma wo so, na woanya asase no atena so; sɛ wɔhye abɔnefoɔ ase a, wobɛhunu.


Na me deɛ, mete sɛ ngodua frɔmfrɔm, Nyankopɔn fie, mede me ho meto Nyankopɔn adom so daa daa.


Ɔteneneeni bɛsi frɔmm ne berɛ so, na asomdwoeɛ pii bɛba akɔduru sɛ ɔsrane nni hɔ bio.


Abɔnefoɔ fifiri sɛ ɛfan na amumuyɛfoɔ nyinaa si so sɛ nhwiren a, ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn korakora.


Pepeaa bɛfifiri asi nkasɛɛ ananmu, na ohwamdua bɛfifiri akraateɛ ananmu; na ɛbɛyɛ din ama AWURADE ne daa nsɛnkyerɛnneɛ a wɔrentwa ntwene.


Wɔrensisi adan mma obi ntena mu, na wɔrennua mma obi nni, na me man nna bɛware ayɛ sɛ dua nna, na wɔn a mayi wɔn yi bɛdi wɔn nsa ano adwuma akyɛre.


Na ɔbɛyɛ sɛ dua a wɔatɛ no nsunoa, na ne nhini tentene kɔ asuo no ho. Na sɛ ahuhuro ba a, ɛnyɛ no hu, na ɛso ahahan bɛyɛ frɔmfrɔm, na sukɔm afe mu nso, ɛrempo, na ɛnnyae aba soɔ.


Nanso mesɛee wɔn anim Amorini a ne kɛseɛ te sɛ ntweneduro kɛseɛ na ne ho yɛ den sɛ adum nnua no, na mesɛee n’aba wɔ soro ne n’ase nhini no.


Na me tamfo bɛhunu, na aniwuo abɛkata ne so, ɔno a ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛhe na wo Nyankopɔn no wɔ? Mede m’ani bɛhwɛ no, afei wɔbɛtiatia ne so sɛ mmorɔno so dɔteɛ.


Ɛyere sɛ asubɔnka, sɛ asuo ho nturo, te sɛ pɛprɛ nnua a AWURADE atɛ, te sɛ nsuo ho ntweneduro.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan