Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 9:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 AWURADE bɛyɛ dwanekɔbea ama deɛ wɔrepɛkyɛ no, ahokyere berɛ mu dwanekɔbea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 AWURADE bɛyɛ dwanekɔbea ama deɛ wɔrepɛkyɛ no, ahokyere berɛ mu dwanekɔbea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Awurade yɛ guankɔbea ma wɔn a wodi wɔn nya no, ɔyɛ abandennen wɔ ahohia mmere mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Awurade yɛ dwanekɔbea ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, ɔyɛ abandenden wɔ ahohia mmrɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 AWURADE bɛyɛ guankɔbea ama nea wɔrepɛtɛw no, ahokyere bere mu guankɔbea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 9:9
26 Iomraidhean Croise  

Ɛno na kwaeɛ mu nnua bɛto ahosan nnwom, AWURADE anim, ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu asase atɛn.


Bɛboa yɛn firi ahohia mu, na onipa mmoa yɛ ɔkwa.


Mehwɛ nifa, na hwɛ, obi nni hɔ a n’ani ku me ho, dwanekɔbea abɔ me, obiara mfa me kra nyɛ huu.


AWURADE ne me botan ne m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ, me Nyankopɔn ne me botantim a medwane kɔtoa no, me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.


AWURADE ntie wo hiada, Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban,


Wone me huntabea, wobɛbɔ me ho ban na me ho annwan me, na wode nkwagyeɛ nnwom atwa me ho ahyia.


Na ateneneefoɔ nkwagyeɛ firi AWURADE, ɔne wɔn dwanekɔhyɛbea, ahohia da mu.


Onyankopɔn yɛ yɛn dwanekɔbea ne ahoɔden, ahohia mu boafoɔ pa a wɔanya no nhunuiɛ.


Asafo AWURADE ne yɛn wɔ hɔ, Yakob Nyankopɔn ne yɛn abankɛseɛ.


Onyankopɔn ama wɔahu no kuro yi aban mu sɛ abankɛseɛ.


na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa. Monyi mo yam nkyerɛ no, Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔhyɛbea.


Onyankopɔn, aman bɛyi wo ayɛ, aman nyinaa bɛyi wo ayɛ.


Ao, ma abɔnefoɔ bɔne to ntwa ɛ! Na ma ɔteneneeni ntim. Na wone tenenee Nyankopɔn a wosɔ akoma ne adwene hwɛ.


Monka amanaman mu sɛ, AWURADE di hene, na wiase tim hɔ a ɛrenhinhim, na ɔbɛdi aman so, tenenee mu.


AWURADE anim, na ɔreba abɛbu asase atɛn. Ɔbɛbu wiase atɛn, tenenee mu, ne aman wɔ atɛntenenee mu.


Aban denden ne AWURADE din, ɛno mu na ɔteneneeni dwane korɔ, na wɔkora no.


na wɔn mu biara bɛyɛ sɛ mframa ano huntabea ne osuo ano dwanekɔbea, sɛ nkyɛkyerɛ so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛseɛ nwunu.


Na ɔbɛyɛ kronkronbea, nso ɔbɛyɛ suntiboɔ ne ɔwatiri botan ama Israel afie mmienu no nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn a wɔte Yerusalem no.


AWURADE yɛ, ɔyɛ dwanekɔbea hiada mu, na ɔnim wɔn a wɔdwane kɔtoa no.


O Yerusalem, Yerusalem a wokum adiyifoɔ na wosii wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mprɛ ahe nie a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban aseɛ, nanso moampɛ.


Tete Nyankopɔn ne wo tenabea, na aseɛ na daapem abasa no wɔ. Na ɔbɛpamo ɔtamfoɔ w’anim, na waka sɛ: Dwɛre wɔn.


na yɛafa nnoɔma mmienu a ɛnsakyera, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni atorɔ wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛmu a emu yɛ den, na yɛn a yɛadwane repɛ hintabea no bɛsɔ anidasoɔ a ɛda yɛn anim no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan