Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 9:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Woateatea amanaman, woasɛe abɔnefoɔ, woapepa wɔn din korakorakora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Woateatea amanaman, woasɛe abɔnefoɔ, woapepa wɔn din korakorakora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumɔyɛfo. Woapepa wɔn din a wɔrenkae wɔn bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Woatwe amanaman no aso, na woasɛe amumuyɛfoɔ. Woapepa wɔn din a wɔrenkae wɔn bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Woateɛteɛ amanaman, woasɛe abɔnefo, woapopa wɔn din korakorakora.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 9:5
24 Iomraidhean Croise  

Na Ahitofel hunuu sɛ wɔanni n’afotuo soɔ no, ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔsɔre kɔɔ ne fie, wɔ ne kurom. Na ɔtotoo ne fie wieeɛ no, ɔkɔsɛnee ne mene wuiɛ, na wɔsiee no n’agya da mu.


sɛ wɔbɛtɔ amanaman mu were, na wɔatwe aman aso;


Adɛn nti na amanaman yɛ gyegyeegye, na aman susu ade hunu yi?


Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm. AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.


Sɛ obi annane n’akwan, Onyankopɔn bɛse n’afena, wakuntunu ne tadua mu, na wasiesie.


Ɔpampamm amanaman, wɔn anim, na ɔtwee wɔn awunnyadeɛ so ntonto kyɛɛ no homa so, na ɔmaa Israel mmusuakuo tenatenaa wɔn ntomadan mu.


Adɛn nti na amanaman nka sɛ: Wɔn Nyankopɔn wɔ he? Ma wɔnhunu amanaman mu, yɛn anim, sɛ wotɔ wo nkoa mogya a wɔka guiɛ no so were.


Ɔteneneeni nkaeɛ yɛ nhyira, na abɔnefoɔ din bɛporɔ.


Teneneefoɔ hann dɛre anigyeɛ, na abɔnefoɔ kanea deɛ ɛbɛdum.


Na mede m’adwa bɛsi Elam, na mama ɔhene ne mmapɔmma ayera hɔ, AWURADE asɛm nie.


O AWURADE, woadi me kra asɛm ama me; woagye me nkwa.


na mobɛtiatia abɔnefoɔ so, na wɔbɛyɛ nso mo nan ase, ɛda a mereyɛ no so, asafo AWURADE na ɔseɛ.


gyaa me ma mensɛe wɔn, na mempepa wɔn din mfiri asase so, na mede wo bɛyɛ ɔman a ɛyɛ den na ɛso sene wɔn.


Na afena nnamnnam bi firi n’anomu a ɔde bɛbobɔ amanaman, na ɔde dadeɛ poma bɛyɛne wɔn. Na ɔno na ɔtiatia Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, abufuo a ɛyɛ den no nsa-kyi-amena no soɔ.


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abigail sɛ: Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo maa wobɛhyiaa me nnɛ yi.


Na Dawid tee sɛ Nabal awuo no, ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE a watɔ Nabal nsopa so were ama me na wasɔ n’akoa mu afiri bɔne ho, na AWURADE adane Nabal bɔne agu n’atifi! Na Dawid soma maa wɔne Abigail kɔkasaa sɛ ɔbɛfa no aware.


Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛwɔ me na wɔammɛgoro me atɔprɛ. Na n’akodeɛkurani no ampene, ɛfiri sɛ na ɔsuro pii. Ɛnna Saulo faa nkrantɛ na ɔhwee soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan