Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 9:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 sɛ, deɛ ɔtɔ mogya so were no akae wɔn, na ne werɛ amfiri abrɛfoɔ nteamu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 sɛ, deɛ ɔtɔ mogya so were no akae wɔn, na ne werɛ amfiri abrɛfoɔ nteamu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na ɔkae nea ɔtɔ mogya so were no; ommu nʼani ngu ɔbrɛfo sufrɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na ɔkae deɛ ɔtɔ mogya so were no; ɔmmu nʼani ngu ɔbrɛfoɔ sufrɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 sɛ, nea odi mogya so were no akae wɔn, na ne werɛ amfi abrɛfo nteɛm.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 9:12
21 Iomraidhean Croise  

Na onipa biara a ɔka onipa mogya guo no, ne nsam mu na mɛbisa, na aboa mpo ka onipa mogya gu a mɛbisa afiri ne nsam.


ne mogya a ɛdi bem nso a ɔka guiɛ, na ɔde mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma no nti. Na AWURADE ampɛ sɛ ɔde kyɛ.


Wohunu, ɛfiri sɛ wo na wohwɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ, sɛ wode bɛsie wo nsam. Wo nsa na ɔbrɛfoɔ de hyɛ, awisiaa boafoɔ ne wo ara.


AWURADE, wobɛtie deɛ ahobrɛasefoɔ pɛ, woahyɛ wɔn akoma den, woama w’aso aba so


wadane n’ani akyerɛ onnibie mpaebɔ, na wampo wɔn mpaebɔ.


Na AWURADE ayi Sion, wapɛ hɔ de ayɛ ne tenabea.


Na wansere na wankyiri ɔmanehunufoɔ amaneɛ, na wanyi n’anim anhunta no, na mmom ɔsu frɛɛ no no, ɔtiee.


Ohiani yi teaa mu, na AWURADE tiee no, na ɔgyee no n’ahohia nyinaa mu.


Nyankopɔn ko teaseɛnam yɛ mpempem bubuanwea, AWURADE wɔ wɔn mu te sɛ Sinai kronkronbea no mu.


Kae w’asafo a wotɔɔ wɔn teteete, woagye wɔn sɛ w’agyapadeɛ mantam no, Sion bepɔ a wobɛtenaa soɔ no.


Ɛhɔ na ɔbubuu tadua mu mmɛmma, ɔkyɛm ne nkrantɛ ne ɔsa.


Na AWURADE kaa sɛ: Ampa ara, mahunu me man a ɛwɔ Misraim no amanehunu, na wɔn su a wɔn so ahwɛfoɔ nti wɔsu frɛ no, mate.


Na afei, hwɛ, Israelfoɔ no sufrɛ no aduru m’anim, na mahunu ɔhaw a Misraimfoɔ de ha wɔn no nso.


Na hwɛ, AWURADE refiri n’afa akɔtwe asase sofoɔ aso, wɔn amumuyɛ nti. Na asase bɛyi ne mogya adi, na ɛrenkata wɔn a wɔaku wɔn ɛsoɔ no so bio.


Hwɛ, me ne me mma a AWURADE ama me sɛ yɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ wɔ Israel mu no firi asafo AWURADE a ɔte Sion bepɔ soɔ no.


na mogya tenenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel tenenee mogya so de bɛsi Barakia ba Sakaria a mokumm no asɔredan ne afɔrebukyia ntam no mogya so aba mo so.


na wɔahwie ahotefoɔ ne adiyifoɔ mogya agu, na woama wɔn mogya anom, wɔfata saa.


Na wɔyiyii anyame ananafoɔ no firii wɔn mu, na wɔsomm AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahomete.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan