Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 86:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Amanaman a woyɛeɛ nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, AWURADE, na wɔabɛhyɛ wo din animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Amanaman a woyɛeɛ nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, AWURADE, na wɔabɛhyɛ wo din animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Awurade, aman a woakyekyere nyinaa bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim; wɔbɛba abɛhyɛ wo din anuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ao Awurade, aman a woakyekyere nyinaa bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim; wɔbɛba abɛhyɛ wo din animuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Amanaman a woyɛe nyinaa bɛba abɛkotow w’anim, Awurade, na wɔabɛhyɛ wo din anuonyam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 86:9
23 Iomraidhean Croise  

ɛnneɛ wo ara tie no ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ no sɛdeɛ ɔhɔhoɔ no su frɛ woɔ no nyinaa, deɛ ɛbɛyɛ na asase so amanaman nyinaa ahunu wo din, na wɔasuro wo sɛ wo man Israel, na wɔahunu sɛ wo din na wɔde frɛ efie a masie yi.


Na amanaman bɛsuro AWURADE din, na asase so ahemfo nyinaa asuro w’animuonyam,


Wɔbɛtwerɛ yei ama nkyirimma, na ɔman a wɔbɛbɔ wɔn no bɛyi AWURADE ayɛ,


Asase nyinaa bɛsɔre wo na wɔato wo dwom, wɔbɛto dwom ama wo din.


Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa asuro no.


na nhyira ne n’animuonyam din daa, na n’animuonyam nhyɛ asase nyinaa ma. Amen ne Amen.


Ɔbɛdi hene afiri po so akɔsi po so, de afiri asubɔnten no so akɔsi asase ano.


Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe adeɛ bio, me bepɔ kronkron no nyinaa so, na AWURADE ho nimdeɛ bɛyɛ asase ma, sɛ nsuo kata po soɔ no.


obiara a wɔbɔ me din frɛ no, na mebɔɔ no memaa m’animuonyam, menwonoo no na meyɛɛ no no.


Na wɔbɛsuro AWURADE din afiri atɔeɛ, ne n’animuonyam afiri owia puebea, na ɔbɛba sɛ asuo a ano yɛ den a AWURADE ahum de reba.


Na ɛbɛba sɛ ɔsrane foforɔ biara ne homeda biara honam nyinaa bɛba abɛsɔre m’anim, AWURADE na ɔseɛ.


Na ɛno ansa na mɛdane amanaman ano ayɛ no kronkron, sɛ wɔn nyinaa mmɔ AWURADE din no, na wɔnyɛ anokorɔ nsom no.


Na AWURADE bɛdi asase no nyinaa so hene; ɛda no AWURADE bɛyɛ bafua, na ne din ayɛ bafua.


Na ɛfiri owiapueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ no me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, na wɔhye aduhwam bɔ afɔdeɛ ma me din mmaa nyinaa, na wɔde ayɛyɛdeɛ a ɛho teɛ ba; na me din yɛ kɛseɛ amanaman mu, asafo AWURADE na ɔseɛ.


Na, anuanom, mempɛ sɛ mesi mo ahuntasɛm yi soɔ, na moammu mo ho anyansafoɔ. Ɛne sɛ akomapirim aba Israel afaafa mu, de kɔsi sɛ amanaman mufoɔ no bɛwie mayɛ;


na Nyankopɔn mmɔborɔhunu nti amanaman mufoɔ ahyɛ no animuonyam, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Yei nti mɛkamfo wo amanaman mu, na mato dwom ama wo din.


sɛ yɛn a yɛn ani daa Kristo so kane no mmɛyɛ n’animuonyam ayeyie.


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Na ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no hyɛnee ne totorobɛnto. Na ɛnne akɛseɛ gyegyegyegyee soro sɛ: Wiase ahennie ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo no dea, na ɔbɛdi hene daa daa.


Awurade, hwan na ɔrensuro woɔ na ɔrenhyɛ wo din animuonyam? Ɛfiri sɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, ɛfiri sɛ w’atɛn tenenee ada adi.


na ɔtoo no twenee ebunu no mu, na ɔtoo mu, na ɔsɔɔ ano na wankɔdaadaa amanaman bio kɔsi sɛ mfirinhyia apem no bɛwie duro ansa; nanso ɛno akyiri no, ɛtwa sɛ wɔgyaa no kakra.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan