Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 86:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 O AWURADE, hu me mmɔbɔ, na wo na mesu mefrɛ wo da mu nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 O AWURADE, hu me mmɔbɔ, na wo na mesu mefrɛ wo da mu nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Awurade, hu me mmɔbɔ, na misu frɛ wo daa nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ao Awurade, hunu me mmɔbɔ, na mesu frɛ wo daa nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 O, AWURADE hu me mmɔbɔ, na wo na misu mefrɛ wo daa adesae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 86:3
13 Iomraidhean Croise  

Ma mennante wo nokorɛ mu, na kyerɛkyerɛ me, ɛfiri sɛ wone me nkwagyeɛ Nyankopɔn, m’ani da wo so daa nyinaa.


Me sufrɛ mu gye me so, me tenenee Nyankopɔn. Ahohia mu, woboaa me. Hu me mmɔbɔ, na tie me mpaebɔ.


M’atamfoɔ kasa me ho bɔne sɛ: Da bɛn na ɔbɛwuo na ne din ayera?


Anwummerɛ ne anɔpa ne awigyina na mɛdwene me tirim na masi apini, na ɔbɛte me nne.


Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na ɔdasani repɛ me amene me, daa nyinaa ɔde ɔko hiahia me ho.


Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo na me kra dwane bɛtoa woɔ, na wo ntaban ase nwunu mu na mepɛ me dwanekɔhyɛbea kɔsi sɛ ahohia yi bɛtwa mu.


Wobɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ awufoɔ, anaasɛ nsamanfoɔ bɛsɔre ayi wo ayɛ?


ma me mpaebɔ nnuru w’anim, na brɛ w’aso ase ma me nteamu.


Amaneɛ ama m’ani akusa, mefrɛ wo, AWURADE, da mu nyinaa, metrɛ me nsam mekyerɛ wo.


Na Onyankopɔn, sɛ ɔto ne bo ase kyɛre wɔn ho nso a, ɔremmu atɛn nnye wɔn a wayi wɔn a wɔsu frɛ no awia ne anadwo no anaa?


Na ɔyɛ okunafoɔ a wadi bɛyɛ mfirinhyia aduɔwɔtwe nnan, na ɔmpa asɔrefie hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Onyankopɔn adesaeɛ ne adekyeeɛ.


na momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ daa honhom mu, na ɛno ara nti monwɛn, na montoa so ara nsrɛ mma ahotefoɔ nyinaa,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan