Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 85:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Wo werɛ bɛho atia yɛn akɔsi daa anaa? Wobɛtwe w’abufuo mu akɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Wo werɛ bɛho atia yɛn akɔsi daa anaa? Wobɛtwe w’abufuo mu akɔ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wo bo befuw yɛn akosi daa ana? Wʼabufuw bɛtoa so akɔ awo ntoantoaso nyinaa so ana?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wo bo bɛfu yɛn akɔsi daa anaa? Wʼabofuo bɛtoa so akɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa so anaa?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 So wo werɛ bɛhow ahyɛ yɛn akosi daa a? Wobɛtwe w’abufuw mu akɔ awo ntoatoaso a edidi so mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 85:5
12 Iomraidhean Croise  

Woama wo man ahunu deɛ ɛyɛ den, woama yɛanom ntintan nsa.


Onyankopɔn, adɛn nti na woasum yɛn agu koraa, na w’abufuo rehye w’adidibea nnwan?


Onyankopɔn werɛ afiri adom, anaasɛ ɔde abufuo atwe ne mmɔborɔhunu ato ne yam?


Ɛnkɔsi da bɛn, AWURADE, na wo bo bɛfu daa, na wo ninkuntwe adɛre sɛ ogya?


AWURADE, asafo Nyankopɔn, wo bo bɛfu atia wo man mpaebɔ akɔsi da bɛn?


Ɛnkɔsi da bɛn, AWURADE, na wode wo ho bɛhunta daa ama w’abufuo adɛre sɛ ogya?


Hwan na ɔte sɛ wo; Onyankopɔn a wode amumuyɛ kyɛ na wosiane mmarato ho ma w’agyapadeɛ nkaeɛ no? Worensɔ w’abufuo mu daa, na adɔeɛ mmom na wopɛ;


Na me deɛ, AWURADE na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagyeɛ Nyankopɔn no. Me Nyankopɔn bɛtie me.


Na wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman bɛtiatia Yerusalem so de akɔsi sɛ amanaman no berɛ bɛwie duro.


Na AWURADE abufuo dɛre tiaa asase yi maa no de nnome a wɔatwerɛ no nwoma yi mu nyinaa baa so;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan