Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 83:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 na wɔnhunu sɛ wo a wo din de AWURADE no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 na wɔnhunu sɛ wo a wo din de AWURADE no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Ma wonhu sɛ wo a wo din de Awurade no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase nyinaa so. Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no wɔ gittit sanku nne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ma wɔnhunu sɛ wo a wo din de Awurade no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no wɔ gittit sankuo nne so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 na wonhu sɛ wo a wo din de AWURADE no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 83:18
21 Iomraidhean Croise  

Na Abraham too bea hɔ din sɛ: Yahwe-yir’e. Enti wɔka no nnɛ ara sɛ: AWURADE bepɔ so na wɔbɛhwɛ.


Gye me so, AWURADE, gye me so, na ɔman yi nhunu sɛ wo AWURADE ne Onyankopɔn, na wo nso woama wɔn akoma asane akyire aba.


Enti afei, AWURADE yɛn Nyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na asase so ahennie nyinaa nhunu sɛ wo, AWURADE, ne Onyankopɔn, wo nkutoo ara nko!


Na AWURADE boom ɔsoro, na ɔsorosoroni no maa wɔtee ne nne, asukɔtweaa ne nnyansramma.


Ma wɔn a wɔhwehwɛ me wuo no anim ngu ase na wɔn ani nwu, ma wɔn a wɔpɛ me bɔne no mfa ahohora nsane wɔn akyi!


Hye wɔn abufuo mu, hye wɔn na wɔantena hɔ, na ma wɔnhunu sɛ Onyankopɔn na ɔdi Yakob so hene kɔsi asase ano.


AWURADE ayi ne ho adi, wabu atɛn, ɔde ɔbɔnefoɔ nsam nneyɛɛ atoatoa no.


Mɛgye m’ani na madi ahurisie wɔ wo mu, mɛto wo a wowɔ sorosoro no din ayeyie dwom.


Nanso wo AWURADE deɛ, wokorɔn daa.


Na wo AWURADE ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so, wɔama wo so koraa wɔ anyame nyinaa so.


a meyii me ho mekyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn Tweaduampɔn, na me din YHWH (AWURADE) no deɛ, mamma wɔamfa anhu me.


Mene AWURADE, me din ne no, na meremfa m’animuonyam mma obi, na m’ayeyie nso, meremfa mma ahoni.


na asafo AWURADE, deɛ wɔma no so wɔ atɛntenenee mu, na Kronkron Nyankopɔn ate ne ho, tenenee mu.


Na wo Yɛfoɔ ne wo kunu, asafo AWURADE ne ne din, na wo Gyefoɔ, Israel Kronkronni no, wɔfrɛ no asase nyinaa Nyankopɔn.


Ɛno nti, hwɛ, mɛma wɔahunu prɛko, mɛma wɔahunu m’ahoɔden ne me tumi, na wɔahunu sɛ, me din ne AWURADE.


Sei na mɛyɛ atemmudeɛ wɔ Misraim, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


na mɛyɛ me ho kɛse na mayɛ me ho kronkron, na mama wɔahu me, amanaman bebree anim, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


Wɔbɛtu wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa atena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie, na ɔsoro bosuo afɔ wo, na mfeɛ nson atwa wo tiri so, akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no di nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.


Na wɔbɛpamo wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa akɔtena, na wɔama woawe ewira sɛ anantwie na mfeɛ nson atwa wo tiri so, de akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ ɔsorosoroni no na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma deɛ ɔpɛ no.


Sɔre, pore, Sion babaa, na mɛyɛ wo mmɛn dadeɛ, na mayɛ wo ntɔte kɔbere mfrafraeɛ, na wode adwerɛ aman pii dukuduku, na mɛhyira wɔn ahonyadeɛ so mama AWURADE, ne wɔn adedodoɔ so mama asase nyinaa wura no.


Na ɔse: Yeinom ne nnipa mmienu a wɔasra wɔn ngo a wɔgyinagyina asase nyinaa wura no nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan