Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 82:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Monni ɔbrɛfoɔ ne awisiaa asɛm, monni asɛntenenee mma ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Monni ɔbrɛfoɔ ne awisiaa asɛm, monni asɛntenenee mma ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Monka mmɔborɔfoɔ ne nwisiaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiedie ho ban.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Munni mpere ɔbrɛfo ne ayisaa, munni asɛntrenee mma ɔmanehunufo ne mmɔboroni.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 82:3
16 Iomraidhean Croise  

Ɛfiri sɛ na meyi ɔmanehunufoɔ a ɔsu frɛ ɔboafoɔ ne awisiaa a ɔnni boafoɔ.


na sɛ mama me nsa so awisiaa so, ɛfiri sɛ mehunuu me boa kuro pono mu a,


sɛ wobɛdi awisiaa ne deɛ wɔhyɛ no soɔ no asɛm, na ɔdasani a ɔfiri asase mu no anhunahuna bio.


Na mmɔborɔni nso, nhwɛ n’anim wɔ n’asɛm mu.


Nnane wo mmɔborɔni asɛm ani wɔ atemmuo mu.


Bue w’ano, bu atɛntenenee, na di mmɔborɔni ne ohiani asɛm.


Monsua papayɛ, monhwehwɛ atɛntenenee, montenetene omimfoɔ, monni mma awisiaa, na mompere nnye okunafoɔ.


Wo mansohwɛfoɔ ayɛ atuatefoɔ ne awifoɔ nnamfo. Wɔn nyinaa pɛ adanmudeɛ na wɔdi akyɛdeɛ akyi. Wɔnni mma nwisiaa, na akunafoɔ asɛm nnuru wɔn anim.


Dawid fie, sɛ AWURADE seɛ nie: Monni asɛntenenee anɔpa, na monyi deɛ wɔafom no afa mfiri omimfoɔ nsam, na m’abufuhyeɛ amfiri sɛ ogya ammɛhye a obi rennum, mo nneyɛɛ bɔne nti.


Ɔdii mmɔborɔni ne ohiani asɛm maa no, enti nso na ɛsii no yie. Ɛnyɛ yei ne me ho nimdeɛ? AWURADE asɛm nie.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommu atɛntenenee nyɛ ade tenenee, na monyi deɛ wɔafom no afa mfiri omimfoɔ nsam, na ɔhɔhoɔ, awisiaa ne okunafoɔ, monnhom wɔn so, mommmɔ wɔn atirimuɔden, na mogya a ɛdi bem nso, monnhwie nngu wɔ ha yi.


Wɔadodɔre sradeɛ, wɔn ho srasra. Nso wɔdi nsɛmmɔne tra so, wɔmmu atɛntenenee, wɔnni nwisiaa asɛm, na ama wɔadi yie; na ahiafoɔ nso wɔmmu atɛn mma wɔn.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Mommu nokwatɛn, na onipa ne ne nua nni no adɔeɛ ne mmɔborɔhunu so.


ɔbu atɛn ma awisiaa ne okunafoɔ, na ɔdɔ ɔhɔhoɔ ma no aduane ne nkataho.


Nkyea ɔhɔhoɔ anaa awisiaa atɛn, na nnye okunafoɔ atadeɛ awowa.


Onyamesom a ɛho teɛ na ɛho nni fi wɔ Agya Nyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nnyanka ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohiahia mu, na ɔyi ne ho firi wiase nkekaeɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan