Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 81:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Me man, tie, na menni wo adanseɛ, O Israel, sɛ wobɛtie me a!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Me man, tie, na menni wo adanseɛ, O Israel, sɛ wobɛtie me a!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “Me nkurɔfo, muntie me kɔkɔbɔ yi, Israel, sɛ mubetie me a!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “Ao me nkurɔfoɔ, montie me kɔkɔbɔ yi, Ao Israel, sɛ mobɛtie me a!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Me man, tie, na minni wo adanse! O, Israel, sɛ wubetie me ɛ!

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 81:8
14 Iomraidhean Croise  

Me man, montie, na merebɛkasa; Israel tie, na merebɛdi wo adanseɛ: Me, Onyankopɔn, meyɛ wo Nyankopɔn.


Ao, sɛ me man tie me ɛ, sɛ Israel nante m’akwan so ɛ!


na Mose kaa sɛ: Sɛ wobɛtie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ deɛ ɛtene wɔ n’anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n’ahyɛdeɛ nyinaa so a, ɛnneɛ meremfa yadeɛ a mede meguu Misraim soɔ no biara mengu wo so; na mene AWURADE, wo yaresafoɔ no.


Na Israelfoɔ no ham ne sɔ a wɔsɔɔ AWURADE hwɛɛ sɛ “AWURADE wɔ yɛn mu anaasɛ ɔnni yɛn mu” no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masa ne Meriba.


Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam ne mununkum duruduro ne totorobɛnto nne a ɛyɛ den yie baa bepɔ no so. Na ɔman a wɔwɔ nsraban no mu nyinaa ho popoe.


Sɛ mopɛ na motie a, mobɛdi asase no so nnepa;


Yei ne Meriba asuo, ɛfiri sɛ Israelfoɔ ne AWURADE hamee na ɔyɛɛ ne ho kronkron wɔn mu.


Mereka akyerɛ wo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ yɛnim na yɛka, na deɛ yɛahunu na yɛdi ho adanseɛ; nanso monnye yɛn adanseɛ no.


na medii Nyankopɔn fam adwensakyera ne Awurade Yesu Kristo mu gyidie ho adanseɛ mekyerɛɛ Yudafoɔ ne Helafoɔ.


ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo akoma nto nsɛm a meredi mo ho adanseɛ nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.


Wo na twe pini hɔ na tie deɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa, na bɛka yɛn deɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka akyerɛ woɔ nyinaa, na yɛbɛtie na yɛayɛ.


Yɛgye nnipa adanseɛ a, Nyankopɔn adanseɛ so kyɛne no, na Nyankopɔn adanseɛ ne adanseɛ a wadi ne Ba ho no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan