Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 81:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 wofrɛɛ ahohia mu, na meyii wo wɔ mu, mefiri aprannaa mu megyee wo so. Mesɔɔ wo mehwɛɛ Meriba asuo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 wofrɛɛ ahohia mu, na meyii wo wɔ mu, mefiri aprannaa mu megyee wo so. Mesɔɔ wo mehwɛɛ Meriba asuo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mo ahohiahia mu mofrɛɛ me na migyee mo, migyee mo so wɔ aprannaa mu; mesɔɔ mo hwɛɛ wɔ Meriba nsu ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mo ahohiahia mu, mofrɛɛ me na megyee mo, megyee mo so wɔ aprannaa mu; me sɔɔ mo hwɛeɛ wɔ Meriba nsuo ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 wofrɛe ahohia mu, na miyii wo wɔ mu, mifi ɔprannaa mu migyee wo so. Mesɔɔ wo mehwɛe Meriba asu ho. Sela

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 81:7
16 Iomraidhean Croise  

na frɛ me hiada mu, na mɛgye wo na woahyɛ me animuonyam.


Na Farao bɛneeɛ no, Israelfoɔ no memaa wɔn ani so, na hwɛ, na Misraimfoɔ di wɔn akyiri reba. Na Israelfoɔ no suroo pii, na wɔsu frɛɛ AWURADE.


Na anɔpa nsraberɛ mu no AWURADE faa ogya ne mununkum dum no hwɛɛ Misraim dɔm no, na ɔmaa Misraim dɔm no ho yeraa wɔn,


Na totorobɛnto no nne kɔɔ so na ano yɛɛ den ara no, Mose kasae, na Onyankopɔn de nne kɛseɛ gyee so.


Na nna dodoɔ yi akyiri no, ɛbaa sɛ Misraimhene wui. Na nkoasom no nti Israelfoɔ no sii apini, na wɔsu frɛe, na wɔn sufrɛ no kɔduruu Nyankopɔn anim.


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no.


Ɛno nti ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Mene AWURADE, na mɛgye mo afiri Misraim nkoasom mu, na mayi mo afiri wɔn nyadie no mu, na mede basa a atene ne atemmuo akɛseɛ magye mo.


Saa nti, hwɛ, AWURADE asɛm nie, nna bi reba a wɔrenka bio sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyii Israelfoɔ firii Misraim asase so baeɛ no te aseɛ yi,


Yei ne Meriba asuo, ɛfiri sɛ Israelfoɔ ne AWURADE hamee na ɔyɛɛ ne ho kronkron wɔn mu.


Aka kakraa bi na Aaron ati ne mpanimfoɔ wɔ asamando, na ɔrenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so, ɛfiri sɛ moyɛɛ asoɔden maa m’anomu asɛm Meriba asuo ho.


Na Lewi ho deɛ, ɔkaa sɛ: Wo nokorɛ ne wo hann wɔ wo hotefoɔ no, deɛ wosɔɔ no hwɛɛ Masa hɔ na wo ne no ham Meriba asuo ho no.


Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo firii Misraim asase soɔ, nkoafie mu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan