Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 81:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Monhyɛne totorobɛnto ɔsrane foforɔ so, ɔsrane korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Monhyɛne totorobɛnto ɔsrane foforɔ so, ɔsrane korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Monhyɛn mmentia ɔsram foforo da no, ne ne kurokumatwa mu, yɛn Aponto da no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Monhyɛne mmɛntia ɔsrane foforɔ da no, ne ɔsrane korokumatwa mu, yɛn Apontoɔ da no;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Monhyɛn torobɛnto ɔsram foforo so, ɔsram korokumatwa mu, mma yɛn afahyɛ da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 81:3
23 Iomraidhean Croise  

Na ɔbisaa no sɛ: Adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn nnɛ yi? Ɛnyɛ ɔsrane foforɔ, na ɛnyɛ homeda. Na ɔbaa no kaa sɛ: Ɛnyɛ hwee.


Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifoɔ asafohene no sɛ wɔnyiyi wɔn nuanom nnwontofoɔ no mma wɔnkurakura nnwontoɔ nnoɔma: Mmɛnta, mmɛn ne asankuten ne nsambɔ nnawuro nnyinagyina hɔ mma wɔnte wɔn nka na wɔmma wɔn nne so anigyeɛ mu.


Na nnwontofoɔ Heman, Asaf ne Etan bɔɔ kɔbere mfrafraeɛ nnawuta maa wɔtee nka,


Na Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia, Eliesa, asɔfoɔ no, ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ a wɔhyɛne ntotorobɛnto, Nyankopɔn adaka no anim. Na Obed-Edom ne Yehia ne adaka no apono ano ahwɛfoɔ.


Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntotorobɛnto ne nsambɔ nnawuro a wɔma no gyegyeɛ, ne nnoɔma a wɔde to Nyankopɔn dwom. Na Yedutun mma deɛ, na wɔwɔ ɛpono ano.


Na Benaia ne Yahasiel, asɔfoɔ no hyɛnee ntotorobɛnto daa daa Nyankopɔn apam adaka no anim.


Nso Dawid ne ɛdom so asafohene no yiyii Asaf ne Heman ne Yedutun mma no mu wɔn a wɔmfa nsankutene ne mmɛnta ne nnawuro so nsom, nhyɛ nkɔm. Na nnipa a na wɔyɛ adwuma no sɛdeɛ wɔn som ne wɔn dodoɔ teɛ nie:


Na hwɛ, Onyankopɔn ka yɛn ho, di kan, ne n’asɔfoɔ a wɔhyɛne osebɔ ntotorobɛnto, sɛ wɔde bɛfrɛ ɔko atia mo. Israel mma, mo ne AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no nnko, na ɛrensi mo yie.


Na Yuda danedanee wɔn ani no, na hwɛ, ɛdɔm no wɔ anim ne akyire. Ɛnna wɔteaa mu frɛɛ AWURADE, na asɔfoɔ no hyenhyɛnee ntotorobɛnto.


hwɛ, me nso merebɛsi efie mama AWURADE me Nyankopɔn din, na ayɛ kronkron ama no, na wɔahye aduhwam a ɛyɛ hwam n’anim, na wɔasiesie kyerɛ paanoo daa, na wɔabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ daa anɔpa ne anwummerɛ ne home nna ne abosome foforɔ ne AWURADE yɛn Nyankopɔn afahyɛ ase. Yei ne Israel amanneɛ de kɔsi daa.


na Lewifoɔ nnwontofoɔ no a wɔhyɛ Asaf Heman, Yedutun ne wɔn mma ne wɔn nuanom aseɛ no nyinaa hyehyɛ nwera fɛfɛ, kurakura nnawuro ne mmɛnta ne nsankutene gyinagyina afɔrebukyia no apueeɛ fam, na asɔfoɔ ɔha aduonu ka wɔn ho rehyɛne ntotorobɛnto.


sɛdeɛ ɛhia da biara no, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no, home nna deɛ ne abosome foforɔ deɛ; ne afahyɛ ahodoɔ mmiɛnsa a wɔhyɛ no afe biara, a ɛne: Apiti nnapɔnna, adapɛn nnapɔnna ne asese nnapɔnna.


Ma wɔmfa asa nyi ne din ayɛ, ma wɔmfa mpintin ne asankuo nto dwom mma no.


Momfa sankuo nna AWURADE ase, momfa sankuo a ɛso homa du nto no dwom!


Momfa totorobɛnto ne mmɛn nne mmɔ ose, Ɔhene AWURADE anim.


Wabu ne sese no agu sɛ turo mu deɛ a wasɛe ne dwabirem; AWURADE ama werɛ afiri Sion mu afahyɛ ne homeda, na n’abufuo mu awerɛhoɔ mu wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia.


Hwɛ, mmepɔ so na asɛmpakafoɔ nan wɔ, wɔreka asomdwoeɛsɛm! Yuda, di wo nnapɔnna, ma w’aboadeɛ, na ohuhuni no remfa wo mu bio, wɔatwa no atwene koraa.


na morebɔ ogya afɔdeɛ a ɛfiri anantwie anaa nnwan mu ama AWURADE a, sɛ ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa okum afɔdeɛ a mode reyɛ aboadeɛ, anaa ɛyɛ ayamyi afɔdeɛ, anaa mo afahyɛ ase deɛ, sɛ morema no ayi hwa hwanhwam ama AWURADE a,


Na mo abosome foforɔ mfitiaseɛ nso, momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ mmrɛ AWURADE: Anantwinini mmienu ne odwennini baako, nnwanten mma nson a wɔadi afe afe a wɔdi mu;


Nnanson na di dapɔnna no ma AWURADE wo Nyankopɔn faako a wayie hɔ: Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛhyira wo, wo nnɔbaeɛ mu ne wo nsa ano adwuma nyinaa mu; enti ma w’ani nnye ara.


Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduane anaa anonneɛ anaa afahyɛ anaa ɔsrane foforɔ anaa home nna fam,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan