Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 81:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Monto dwom na monyan mpintin, mommɔ sanku dɛdɛ ne bɛnta.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Monto dwom na monyan mpintin, mommɔ sanku dɛdɛ ne bɛnta.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Momma nnwom no so na monwosow akasaa. Mommɔ sanku ne bɛnta dɛdɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Momma nnwom no so na monwoso akasaeɛ. Mommɔ sankuo ne bɛnta dɛɛdɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Monto dwom na monyan mpintin, mommɔ sanku dɛdɛ ne bɛnta sanku.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 81:2
11 Iomraidhean Croise  

Na ntotorobɛntohyɛnfoɔ ne nnwontofoɔ no yɛɛ sɛ ɔbaakofoɔ maa wɔtee ɛnne baako a wɔde reyi AWURADE ayɛ da no ase), na wɔde ntotorobɛnto ne nnawuro ne nsankuo maa nne so yii AWURADE ayɛ sɛ, “ɔyɛ na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa” no, ɛnna mununkum yɛɛ ɛdan no, AWURADE dan no ma,


ne Maaseia, Semaia, Eleasa, Usi, Yehohanan, Malkia, Elam ne Eser; na nnwontofoɔ no memaa wɔn nne so, na Yisrahia ne wɔn so kannifoɔ.


M’ahoɔden, wo na mɛto wo dwom, na Onyankopɔn ne m’abankɛseɛ, m’adom Nyankopɔn.


sankuhan du ne bɛnta so, sankuo ho adwempa dwom mu.


Na odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nua no faa akasae kurae, na mmaa no nyinaa de akasae ne asa firi dii n’akyi.


Na wɔtoo dwom no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.


Momfa sankuo ho nnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛkyerɛ mo ho, monto dwom na mommɔ sankuo mo akoma mu mma Awurade,


Momma Kristo asɛm no ntena mo mu bebree, monkyerɛkyerɛ na monkasa nkyerɛ mo ho, nyansa nyinaa mu, momfa sankuo so nnwom, ne ayeyie, nnwom ne honhom mu nnwom nto dwom ɔdɛ so wɔ mo akoma mu mma Onyankopɔn.


Mo mu bi hunu amane anaa? Ma no mmɔ mpaeɛ. Obi bo atɔ ne yam anaa? Ma no nto ayeyie nnwom.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan