Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 80:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Efraim ne Benyamin ne Manase anim na ma wo homene soɔ, na bra bɛgye yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Efraim ne Benyamin ne Manase anim na ma wo homene soɔ, na bra bɛgye yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim. Kanyan wo tumi; bra begye yɛn nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim. Kanyane wo tumi; bra bɛgye yɛn nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Efraim ne Benyamin ne Manase anim na ma wo hobere so, na bra begye yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 80:2
14 Iomraidhean Croise  

Na asɔfoɔ no de AWURADE apam adaka no bɛsii n’afa, ɛdan no mpiakyire a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase.


Na Hesekia bɔɔ AWURADE anim mpaeɛ sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim soɔ, wo nko wone Onyankopɔn asase so ahennie nyinaa mu; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.


Nyane, na sɔre bɛbu me atɛn, me Nyankopɔn ne m’AWURADE, bɛdi m’asɛm!


Sion, ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ no mu na Onyankopɔn firi hran.


Na ɔno deɛ, ɔyɛ ntimmɔborɔ nti, ɔkataa wɔn amumuyɛ so, na wansɛe nnipa; na ɔtaa sianka n’abufuo, na wanhwanyan n’awerɛhoɔ nyinaa.


AWURADE di hene, aman ho popo; ɔte Kerubim so, asase him.


Na ɛhɔ na me ne wo bɛhyia, na mafiri mpata adwa no so wɔ kerubim mmienu a wɔwɔ Adanseɛ adaka no soɔ no ntam maka wo nnoɔma a mɛhyɛ wo sɛ fa kyerɛ Israelfoɔ no nyinaa.


Ɛda no na wɔbɛka sɛ: Hwɛ, yɛn Nyankopɔn a yɛn ani ada ne so sɛ ɔbɛgye yɛn no nie; AWURADE a yɛn ani daa ne soɔ no nie. Momma yɛnni ahurisie, na yɛn ani nnye ne nkwagyeɛ no mu.


Na AWURADE ne yɛn temmufoɔ, AWURADE ne yɛn mmarahyɛfoɔ, AWURADE ne yɛn hene, ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.


Ɛnna ɔman no soma maa wɔkɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no baeɛ, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Nyankopɔn apam adaka no ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan