Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 80:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Israel dwanhwɛfoɔ, yɛ aso, wo a woka Yosef sɛ nnwankuo, wo a wote Kerubim soɔ, pue hran.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Israel dwanhwɛfoɔ, yɛ aso, wo a woka Yosef sɛ nnwankuo, wo a wote Kerubim soɔ, pue hran.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Israel guanhwɛfo, tie yɛn, wo a wudii Yosef anim sɛnea wodi nguankuw anim; wo a wote ahengua so wɔ kerubim ntam no, hyerɛn

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ao Israel dwanhwɛfoɔ, tie yɛn, wo a wodii Yosef anim sɛdeɛ wɔdi nnwankuo anim; wo a wote ahennwa so wɔ Kerubim ntam no, hyerɛn

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Israel guanhwɛfo, yɛ aso, wo a woka Yosef sɛ nguankuw, wo a wote Kerubim so, pue haran.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 80:1
37 Iomraidhean Croise  

Na Dawid sɔreeɛ, na ɔne dɔm a wɔka ne ho nyinaa kɔ kɔfirii Baale-yuda, sɛ wɔrekɔfa Nyankopɔn apam adaka a wɔbɔ din a ɛyɛ asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no din wɔ soɔ no afiri hɔ aba.


Na Hesekia bɔɔ AWURADE anim mpaeɛ sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim soɔ, wo nko wone Onyankopɔn asase so ahennie nyinaa mu; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.


Ɛyɛ ma wo sɛ wohyɛ obi soɔ anaa, sɛ wopo wo nsa ano adwuma na wopene abɔnefoɔ agyina soɔ?


Asɛm pa ayɛ m’akoma ma abu so. Meka adeɛ a mayɛ a ɛfa ɔhene ho, me tɛkyerɛma yɛ ɔtwerɛfoɔ a ne nsa yɛ hare atwerɛdua.


AWURADE, yɛ aso ma me nsɛm, na hwɛ me nsusuiɛ a mekura mu.


Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE rekasa, na ɔfrɛ asase firi owia apueeɛ de kɔsi n’atɔeɛ.


Sion, ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ no mu na Onyankopɔn firi hran.


Onyankopɔn, yɛ aso tie me mpaebɔ, na nhunta wo ho mfiri me nkotosrɛ ho.


Onyankopɔn, woasum yɛn agu, woabɔ yɛn apansam, wo bo afu; ma yɛn ho mmra yɛn ho bio.


Onyankopɔn, gye me nkwa, na nsuo aduru me kra ho.


Wonam Mose ne Aaron nsa so bɛgyaa wo man sɛ nnwankuo.


Na ɔgyaa ne man sɛ nnwan, na ɔkaa wɔn sɛ mmoakuo, ɛserɛ so,


Nso wampɛ Yosef ntomadan no, na Efraim abusuakuo no, wamfa;


AWURADE, asafo Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.


Onyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.


Asafo Nyankopɔn, ma yɛnsane mmra, na ma w’anim nhyerɛn na yɛanya nkwa.


Aweretɔ Nyankopɔn, AWURADE, aweretɔ Nyankopɔn, pue.


AWURADE di hene, aman ho popo; ɔte Kerubim so, asase him.


Ɔbɛyɛne ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ, ɔbɛturu nnwammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nnwan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛɛ.


Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na AWURADE animuonyam apue wo so.


Ɛnna ɔkaee tete nna n’akoa Mose berɛ so: Ɛhe na deɛ ɔyii nnwan no hwɛfoɔ no firii po mu no wɔ? Ɛhe na deɛ ɔde ne Honhom kronkron sii wɔn mu no wɔ?


Na abɔdeɛ ateasefoɔ no suban no, ne wɔn su te sɛ nnyansramma a ɛredɛreɛ, sɛ tɛnee; ɛno na ɛnenam abɔdeɛ ateasefoɔ no ntam, na ogya no hyerɛnn, na anyinam firii ogya no mu.


Ɛnna AWURADE animuonyam no maa ne ho so firii Kerub no so kɔɔ ɛdan no aponnwa atifi, na mununkum no hyɛɛ ɛdan no ma, na AWURADE animuonyam hyerɛn hyɛɛ abannwa no so ma.


Na mede odwanhwɛfoɔ baako bɛsi wɔn so na wayɛne wɔn, ɔno ne m’akoa Dawid; ɔno na ɔbɛyɛne wɔn, na ɔno na ɔbɛyɛ wɔn ɔhwɛfoɔ;


Na hwɛ, Israel Nyankopɔn animuonyam refiri apueeɛ kwan so reba, na ne nne te sɛ nsuo bebree nne, na n’animuonyam maa asase harann.


Na afei, yɛn Nyankopɔn, tie w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, na ma w’anim nhyerɛn wo kronkronbea a ayɛ amamfo no so, wo, AWURADE nti.


Mene odwanhwɛfoɔ pa no; na menim me deɛ, na me deɛ nso nim me,


AWURADE firi Sinai bae, na ɔpue firii Seir maa wɔn, ɔharan firii Paran bepɔ so; ɔfiri akronkronfoɔ ɔpedu no mu na ɛbaeɛ, ogya a ɛyɛ mmara ma wɔn wɔ ne nifa mu.


Na asomdwoeɛ Nyankopɔn a ɔnam daa apam no mogya soɔ, ayi nnwan no hwɛfoɔ kɛseɛ a ɔne yɛn Awurade Yesu afiri awufoɔ mu no,


Na anka mote sɛ nnwan a wɔayera, na afei moasane aba mo kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ no nkyɛn.


Na odwanhwɛfoɔ panin no yi ne ho adi a, moanya animuonyam abotire a ɛrensɛe da no.


Na ɛnhia sɛ owia anaa ɔsrane bɛpae wɔ kuro no mu, ɛfiri sɛ Nyankopɔn animuonyam hyerɛn wɔ mu, na ne kanea ne Adwammaa no.


Ɛnna ɔman no soma maa wɔkɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no baeɛ, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Nyankopɔn apam adaka no ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan