Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 8:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Woama no adi wo nsa ano nnwuma so, wode nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nan ase:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Woama no adi wo nsa ano nnwuma so, wode nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nan ase:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Woyɛɛ no ɔsodifo maa wo nsa ano nnwuma wode nneɛma nyinaa ahyɛ nʼanan ase:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Woyɛɛ no sodifoɔ maa wo nsa ano adwuma wode nneɛma nyinaa ahyɛ ne nan ase:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Woama wadi wo nsa ano nnwuma so, wode nneɛma nyinaa ahyɛ n’anan ase:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 8:6
10 Iomraidhean Croise  

Na Onyankopɔn kaa sɛ: Momma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so sɛ yɛn nsɛsoɔ, na wɔnni ɛpo mu mpataa, ewiem nnomaa, ntɔteboa, ne mmoa a wɔwea asase so nyinaa so.


Na Onyankopɔn hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔre, na monyɛ asase so ma, na monya so tumi; na monni ɛpo mu mpataa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa so.


Na mo ho hu ne mo ho suro mmra asase so mmoadoma nyinaa ne ewiem nnomaa nyinaa, deɛ ɛwea fam nyinaa ne ɛpo mu mpataa nyinaa so; mo nsa na wɔde wɔn ahyɛ.


AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.


Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


Na ɔde ade nyinaa ahyɛ ne nan ase na ɔde no ayɛ nnoɔma nyinaa so tire ama asafo


nna a ɛdi akyire yi mu nso, ɔnam Ɔba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔno na wayɛ no nnoɔma nyinaa ɔdedifoɔ, a ɔnam ne so nso abɔ wiase nyinaa.


wode nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nan ase. Na sɛ ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ n’ase yi, wannya biribiara a wamfa anhyɛ n’aseɛ. Na seesei deɛ, yɛnnya nhunuu sɛ wɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ n’ase.


Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Nyankopɔn nifa, na abɔfoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan