Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 8:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Wo a w’animuonyam pue firi mmɔfra ne nkɔkoaa anomu. Wo na woasiesie abankɛseɛ, w’atamfo nti, na wode amua ɔtamfoɔ ne ɔweretɔfoɔ ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Wo a w’animuonyam pue firi mmɔfra ne nkɔkoaa anomu. Wo na woasiesie abankɛseɛ, w’atamfo nti, na wode amua ɔtamfoɔ ne ɔweretɔfoɔ ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano kamfo wo, wʼatamfo nti; na wode bɔ atamfo ne aweretɔfo ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano kamfo wo, wʼatamfoɔ nti; na wode bɔ atamfoɔ ne weretɔfoɔ ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 wo a w’anuonyam pue mmofra ne nkokoaa anom wo a woasiesie abankɛse, w’atamfo nti, na wode amua ɔtamfo ne werefo ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 8:2
21 Iomraidhean Croise  

Wɔnyi AWURADE din ayɛ, sɛ ne din nko na ɛso; n’animuonyam tra asase ne ɔsoro so.


Mo bo fu a, monnyɛ bɔne! Monkasa mo akoma mu wɔ mo daberɛ, na monyɛ komm.


deɛ ɔbɔ me ahohora na ɔsopa me no nne ne ɔtamfoɔ ne ɔweretɔfoɔ nti.


Monyɛ komm na monhunu sɛ mene Onyankopɔn. Wɔmma me so amanaman mu, wɔmma me so asase so.


Wɔsum m’anammɔn fidie, me kra brɛɛ ase, wɔtuu me kwan mu amena, wɔn ankasa ahwehwe mu.


Na Israel mma nyinaa deɛ, ɔkraman mpo rentwe ne tɛkyerɛma ntia wɔn, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so, na moahunu sɛ AWURADE apae Misraim ne Israel ntam.


Ehu ne suro gu wɔn so, wo basa kɛseyɛ nti wɔayeyɛ komm sɛ ɔboɔ, kɔsi sɛ wo man bɛtwam, O AWURADE, kɔsi sɛ ɔman a wogyee wɔn no bɛtwam.


na wɔn a wɔtwɛn AWURADE no deɛ, wɔbɛnya ahoɔden foforɔ, wɔde ntaban bɛforo sɛ akɔdeɛ, wɔbɛtu mmirika, na wɔmmrɛ, wɔbɛnante, na wɔnntɔ piti.


Na oyi team kyerɛ oyi sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo AWURADE! N’animuonyam ahyɛ asase nyinaa ma.


Ɔma ɔsɛeɛ ba otumfoɔ so sɛ anyinam, na ɔsɛeɛ nso ba aban a ɛyɛ den so.


Na AWURADE deɛ, ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu; na momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim.


Saa berɛ no ara mu Yesu kaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa.


na wɔbisaa no sɛ: Wote deɛ yeinom reka no? Na Yesu see wɔn sɛ: Aane. Monkenkanee pɛn sɛ: Nkɔkoaa ne wɔn a wɔnom nufoɔ ano mu na woasiesie ayeyie, anaa?


Ɛdɔn no ara mu ne ho sanee no honhom mu, na ɔkaa sɛ: Agya, ɔsoro ne asase Wura, meyi wo ayɛ sɛ wode nnoɔma yi ahunta anyansafoɔ ne animdefoɔ, na woayi akyerɛ nkɔkoaa. Aane, Agya, ne saa na ɛyɛ anisɔ wɔ w’anim.


na mmom wiase nkwaseadeɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ anyansafoɔ aniwuo. Na wiase adeɛ a ɛyɛ mmerɛ na Onyankopɔn ayi sɛ ɔde bɛhyɛ deɛ ɛyɛ den no aniwuo.


Ɔhwɛ n’ahotefoɔ nan so, na abɔnefoɔ bɛtɔre mum esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan