Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 79:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Wɔahwie wɔn mogya agu sɛ nsuo de atwa Yerusalem ho ahyia, na deɛ ɔsie wɔn nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Wɔahwie wɔn mogya agu sɛ nsuo de atwa Yerusalem ho ahyia, na deɛ ɔsie wɔn nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔahwie mogya agu te sɛ nsu wɔ Yerusalem ho nyinaa, na obiara nni hɔ a obesie awufo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔahwie mogya agu te sɛ nsuo wɔ Yerusalem ho nyinaa, na obiara nni hɔ a ɔbɛsie awufoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Wɔahwie wɔn mogya agu sɛ nsu de atwa Yerusalem ho ahyia, na nea osie wɔn nni hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 79:3
15 Iomraidhean Croise  

Sɛdeɛ obi dwiri asase funtum soɔ no, saa ara na wɔama yɛn nnompe apete Damena ano.


Adɛn nti na amanaman nka sɛ: Wɔn Nyankopɔn wɔ he? Ma wɔnhunu amanaman mu, yɛn anim, sɛ wotɔ wo nkoa mogya a wɔka guiɛ no so were.


Na ɔman a adiyifoɔ no hyɛ nkɔm kyerɛ wɔn no, ɛkɔm ne afena no nti wɔbɛgugu Yerusalem mmorɔno so, na obiara biara nni hɔ a ɔbɛsie wɔn, wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa nyinaa; na mɛma wɔn bɔne abua wɔn atifi.


Na nnoɔma ahodoɔ nnan na mɛma aba wɔn soɔ, AWURADE asɛm nie, afena a wɔde bɛkum wɔn, ne akraman a wɔbɛtete wɔn, ne ewiem nnomaa ne asase so mmoa a wɔbɛtete wɔn nam asɛe wɔn.


Owuyadeɛ bɛbobɔ wɔn ama wɔawuwu. Wɔrenyɛ wɔn ayie, na wɔrensie wɔn; wɔbɛdane sumina wɔ asase ani. Na afena ne ɛkɔm bɛdwerɛ wɔn, na wɔn afunu ayeyɛ ewiem nnomaa ne asase so mmoa aduane.


Na da no na AWURADE bɛma atɔfoɔ adeda hɔ afiri asase ano akɔsi asase ano, wɔrenyɛ wɔn ayie, na wɔremmoa wɔn ano, na wɔrensie wɔn; wɔbɛyeyɛ sumina asase ani.


na mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfoɔ nsa ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no nsa, na wɔn afunu ayeyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa.


Na mɛhiahia nnipa ho na wɔanante sɛ anifirafoɔ, ɛfiri sɛ AWURADE na wɔayɛ no bɔne; na wɔn mogya bɛgu sɛ mfuturo, na mato wɔn honam agu sɛ sɛbeɛ.


na mogya tenenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel tenenee mogya so de bɛsi Barakia ba Sakaria a mokumm no asɔredan ne afɔrebukyia ntam no mogya so aba mo so.


Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Wo nti wɔku yɛn daa nyinaa; wɔbu yɛn sɛ nnwanten a wɔrebɛku wɔn.


Na nkurɔfoɔ ne mmusuakuo ne kasa ahodoɔ ne aman mu binom bɛhwɛ wɔn afunu nnansa ne fa, na wɔremma wɔmfa wɔn afunu no ntoto ɛda mu.


na wɔahwie ahotefoɔ ne adiyifoɔ mogya agu, na woama wɔn mogya anom, wɔfata saa.


Na mehunuu sɛ ahotefoɔ mogya ne Yesu adansefoɔ mogya aboro ɔbaa no, na mehunuu no no, ɛyɛɛ me nwanwa kɛse.


Na ɛno mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔaku wɔn asase soɔ no nyinaa mogya.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan