Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 78:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 na nkyirimma, mma a wɔbɛwo wɔn no, ahunu, na wɔsi so a, wɔaka akyerɛ wɔn mma,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 na nkyirimma, mma a wɔbɛwo wɔn no, ahunu, na wɔsi so a, wɔaka akyerɛ wɔn mma,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 sɛnea ɛbɛyɛ a nkyirimma besua, mpo mmofra a wonnya nwoo wɔn, na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛsua mpo mmɔfra a wɔnnya nwoo wɔn, na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 na nkyirimma, mma a wɔbɛwo wɔn no, ahu, na wosi so a, wɔaka akyerɛ wɔn mma,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 78:6
11 Iomraidhean Croise  

Na wɔnkae nna yi, na wɔnni no awoɔ ntoatoasoɔ, mmusua, nsase ne nkuro nyinaa so, na Purim nna yi nntwa Yudafoɔ no tiri so, na ne nkaeɛ nso to nntwa wɔn asefoɔ mu.


Wɔbɛtwerɛ yei ama nkyirimma, na ɔman a wɔbɛbɔ wɔn no bɛyi AWURADE ayɛ,


Awoɔ ntoatoasoɔ kamfo wo nnwuma kyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ foforɔ, na wɔka wo mmaninneɛ.


Wɔbɛba abɛka ne tenenee akyerɛ ɔman a wɔbɛwo wɔn no, sɛ ɔno na wayɛ.


momfa mo ani nkari n’afasuo, monhwehwɛ n’aban mu yie, na moaka akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛbɛdi mo akyire no,


Onyankopɔn, nkɔkoraaberɛ ne ɛdwono mu nso mpa me, kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm makyerɛ nkyirimma, na maka wo mmaninyɛ makyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.


Ma w’adwuma nna adi mma wo nkoa, na w’animuonyam nna adi, wɔn mma so.


na woaka deɛ meyɛeɛ wɔ Misraim ne me nsɛnkyerɛnneɛ a meyii no adie wɔ wɔn mu no wɔ wo ba ne wo ba ba aso mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Monka ɛho asɛm nkyerɛ mo mma, na mo mma nka nkyerɛ wɔn mma, na wɔn mma, nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no.


Ɛda a na wogyina AWURADE wo Nyankopɔn anim, Horeb soɔ no na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Boaboa ɔman no ano ma me, na memma wɔntie me nsɛm a wɔnsua mfa nsuro me, nna a wɔde te aseɛ, asase soɔ nyinaa, na wɔmfa nkyerɛ wɔn mma:


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan