Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 76:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Wofiri soro maa wɔtee atemmuo, asase suroe na ɛtɛm dinn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Wofiri soro maa wɔtee atemmuo, asase suroe na ɛtɛm dinn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Wubuu atɛn fii ɔsoro, asase suroe, na ɛyɛɛ komm,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Wobuu atɛn firii soro, asase suroeɛ na ɛyɛɛ dinn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Wufi soro ma wɔtee atemmu, asase suroe na ɛtɛm dinn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 76:8
16 Iomraidhean Croise  

Monkɔ nkɔbisa AWURADE mma me, ne ɔman yi ne Yuda nyinaa, nwoma a moahunu yi mu nsɛm no nti, na AWURADE abufuhyeɛ a adɛre atia yɛn no yɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ yɛn agyanom antie nwoma yi mu nsɛm no, sɛ wɔbɛyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no yɛn ho no.


Na AWURADE yɛ ɔkɛseɛ na ɔsɛ ayeyie sɛ, na ne ho yɛ hu anyame nyinaa mu.


Asase nyinaa, mo ho mpopo wɔ n’anim. Wiase tim hɔ pintinn, ɛrenhinhim da.


na mese: Ao, AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn, Onyankopɔn kɛseɛ a ne ho yɛ hu a wokora apam ne adɔeɛ ma wɔn a wɔdɔ woɔ ne wɔn a wɔdi wo mmara nsɛm soɔ no,


Tumidie ne ehu wɔ Onyankopɔn hɔ; ɔno na ɔma ɔmannwoeɛ ba wɔ ne sorɔnsorɔmmea hɔ.


Monyɛ komm na monhunu sɛ mene Onyankopɔn. Wɔmma me so amanaman mu, wɔmma me so asase so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ ɔman no nkyɛn na dwira wɔn ho nnɛ ne ɔkyena, na ma wɔnsi wɔn ntadeɛ;


Na AWURADE ne nokorɛ Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefoɔ ne daa Hene; n’abufuo nti asase woso, na amanaman ntumi n’abufuhyeɛ.


Hwɛ, ɔforo sɛ gyata firi Yordan kwaeɛ no mu reba tenabea a ɛwɔ hɔ daa no so, na mɛma wɔde adwane afiri hɔ amonom; na deɛ wɔayi no no, ɔno na mede no bɛsi soɔ. Na hwan na ɔte sɛ me? Na hwan na ɔbɛhyia me? Na hwan ne odwanhwɛfoɔ a ɔbɛtumi agyina m’anim?


Hwan na ɔbɛgyina n’abohuro anim, na hwan na ɔbɛsɔre atia n’abufuo no? N’anibereɛ hwie sɛ ogya, na abotan bubu n’anim.


Na AWURADE deɛ, ɔwɔ n’asɔrefie kronkron mu; na momma asase nyinaa nyɛ komm wɔ n’anim.


Ma akra nyinaa nyɛ komm, AWURADE anim, ɛfiri sɛ wasɔre wɔ ne tenabea kronkron hɔ.


Wɔfiri soro bɛdii ako, nsoromma firii wɔn akwan so ne Sisera koe.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan