Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 76:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Yakob Nyankopɔn, w’ateatea nti na nteaseɛnam ne apɔnkɔ nyinaa adeda nnahɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Yakob Nyankopɔn, w’ateatea nti na nteaseɛnam ne apɔnkɔ nyinaa adeda nnahɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Yakob Nyankopɔn, wokaa wɔn anim no apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ao Yakob Onyankopɔn, wokaa wɔn anim no apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Yakob Nyankopɔn, w’ateɛteɛ nti na nteaseɛnam ne apɔnkɔ nyinaa adeda nnahɔɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 76:6
20 Iomraidhean Croise  

Na Siriafoɔ dwanee Israel anim; na Dawid kunkumm Siriafoɔ mu nteaseɛnamfoɔ ahanson ne apɔnkɔfoɔ mpem aduanan, na ɔpiraa ɔsahene Sobak maa no wuu wɔ hɔ.


Na anadwo no ara AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsra mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, na wɔn nyinaa yɛ awufoɔ afunu.


Ɛnna AWURADE somaa ɔbɔfoɔ maa no bɛdwerɛɛ Asiriahene nsraban mu nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho ne mmapɔmma ne asafohene nyinaa, na ɔde aniwuo sane kɔɔ n’asase so. Na ɔkɔhyɛnee ne nyame fie, na ɛhɔ na wɔn a wɔfiri ne yafunu mu no mu bi maa no tɔɔ nkrantɛ ano.


w’animka nti ɛdwanedwanee, w’aprannaa nne nti na ɛyɛɛ ntɛm kɔeɛ,


Ɛnna ɛpo mu mmɔnka yiyii adie, na wiase nnyinasoɔ ho daa hɔ, ɛfiri w’ateatea, AWURADE, ne wo hwene mu home hahyeehahyee no.


Wɔde ogya ahye no, wɔatwitwa no, w’anim ateatea nti wɔresɛe.


Ɛnna Mose ne Israelfoɔ too dwom yi maa AWURADE kaa sɛ: Mɛto AWURADE dwom, na ma na wama ne ho soɔ, ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.


Wode wo mframa hui, ɛpo no kataa wɔn so; wɔmemee sɛ sumpii wɔ nsu kɛseɛ no mu.


Na Miriam gyee wɔn so sɛ: Monto AWURADE dwom, na wadi nkonim animuonyam mu; ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.


Ɛnna AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsraban mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu.


Sɛ wɔn ho yɛ wɔn hye a, mɛto wɔn nsapono, na mama wɔabobo na wɔn ho asɛpɛ wɔn, na wɔada daa nna, na wɔannyane, AWURADE asɛm nie.


Na mɛma ne mmapɔmma ne n’anyansafoɔ ne n’amradofoɔ ne ne man mpanimfoɔ ne ne nnɔmmarima abobo, na wɔadeda daa nna a wɔrennyane, ɔhene a ne din ne asafo AWURADE no asɛm nie.


na apɔnkɔ ne apɔnkɔsotefoɔ, nnɔmmarima ne akofoɔ nyinaa bɛmee mo, me pono so, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Hwan na ɔbɛgyina n’abohuro anim, na hwan na ɔbɛsɔre atia n’abufuo no? N’anibereɛ hwie sɛ ogya, na abotan bubu n’anim.


Hwɛ, me ne wo anya, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛma ne nteaseɛnam ahye wisie mu, na afena bɛdi w’agyataburuwa no; na mɛtwa wo fom adeɛ no afiri asase so, na wɔrente w’abɔfoɔ no nne bio.


W’ahwɛfoɔ afa mu adeda, O Asiriahene, w’animuonyamfoɔ deda hɔ; wɔabɔ wo man apete mmepɔ so, na ɔnoboafoɔ nni hɔ.


Ɛda no, AWURADE asɛm nie, mede ahodwirie bɛbobɔ apɔnkɔ nyinaa, na mede adammɔ mabɔ wɔn sotefoɔ. Na mɛbue m’ani Yuda fie so, na aman no apɔnkɔ nyinaa, mede anifira bɛbobɔ wɔn.


Ɛnna Dawid faa pea ne nsuo kuruwa no firii Saulo atifi, na wɔkɔe: Na obiara anhunu, na obiara ante, na obiara annyane, na na wɔn nyinaa adeda, ɛfiri sɛ AWURADE nnahɔɔ atotɔ wɔn so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan