Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nnwom 74:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Kae yei sɛ atamfoɔ bɔɔ AWURADE ahohora, AWURADE, na ɔman agyegyentwie guu wo din ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

18 Kae yei sɛ atamfoɔ bɔɔ AWURADE ahohora, AWURADE, na ɔman agyegyentwie guu wo din ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Awurade, kae sɛnea ɔtamfo no aserew wo, sɛnea nkwaseafo agu wo din ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Ao Awurade, kae sɛdeɛ ɔtamfoɔ no sere woɔ, sɛdeɛ nkwaseafoɔ agu wo din ho fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

18 Kae eyi sɛ atamfo bɔɔ AWURADE ahohora, AWURADE, na ɔman nnyennyentwi huraa wo din ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nnwom 74:18
16 Iomraidhean Croise  

Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake no a ne wura Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nsɛm, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ateɛ no nti, watwe n’aso. Enti ma wo mpaebɔ so ma nnipa nkaeɛ a wɔwɔ hɔ no.


Na wɔkasa tiaa Yerusalem Nyankopɔn no sɛ asase so amanaman anyame a wɔyɛ onipa nsa ano adwuma no.


O AWURADE, kae Yerusalem da no ma Edom mma, sɛ wɔsee sɛ: Monnwiri, monnwiri! Monnwiri nkɔsi ne fapem so!


Gye me firi me mmarato nyinaa mu, mfa me mma, na ɔkwasea mmmɔ me ahohora.


Nhyira ne deɛ ɔdwene mmɔborɔni ho, AWURADE bɛgye no, da bɔne mu.


Onyankopɔn, sɔre, bɛdi wo ara w’asɛm, kae sɛdeɛ nkwasea bɔ wo ahohora da mu nyinaa.


AWURADE, kae deɛ aba yɛn soɔ, hwɛ na hunu yɛn ahohora!


Nanso me din nti meyɛe na ɛho angu fi, amanaman a meyii wɔn, wɔn anim no anim.


Mode mo ano adi me so akokurokosɛm, na moama me ho nsɛm a moka no adɔɔso; me ara mate.


sɛ ɛnyɛ ɔtamfoɔ ahiyie na mesuro a, na wɔn ahohiahiafoɔ annane me nsusuiɛ yi ani, na wɔanka sɛ: Yɛn nsa na adi nkonim na ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛɛ yei nyinaa.


AWURADE na motua no ka seyie yi? Ɔman nkwaseafoɔ a wonni tire! Ɛnyɛ ɔno ne w’agya a ɔnyaa woɔ? Ɔno na ɔyɛɛ woɔ na ɔde wo tim hɔ.


Na kuro kɛseɛ no mu paee afaafa mmiɛnsa, na amanaman nkuro hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛseɛ no, Nyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuo a emu yɛ den no nsa kuruwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan